Yaw Baah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Yaw Baah (wɔwoo no 17 Ɔbɛnem 1959) yɛ mmaranimfoɔ ne Ghana amanyɔni a ɔte Republic of Ghana. Na ɔyɛ mmrahyɛbagua no muni a ogyinaa Kumawu mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan ne 5 no mu. Ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni .

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Baah wɔ 17 Ɔbɛnem 1959. Ɔfiri Kumawu kuro bi a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana . Ɔyɛ adeɛ a ɛfiri Ghana Suapɔn (UG) . Ɔwɔ Bachelor of Arts abodin krataa wɔ Sikasɛm ne Amanyɔsɛm mu wɔ sukuupɔn no mu. Ɔnyaa abodin krataa no wɔ afe 1986. Ɔsan nso yɛ Lincoln’s Inn a ɛwɔ London no ade. Efi hɔ no, onyaa Bachelor of Law wɔ afe 1997.

Adwuma[sesa]

Baah yɛ mmaranimfo wɔ n’adwuma mu. Ná ɔyɛ Denwest Mmara Ho Afotu Dwumadibea a ɛwɔ London no kwankyerɛfo.

Amammui mu adwuma[sesa]

Baah yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni . Ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbagua muni fi Ɔpɛpɔn 2005 bere a ɔdaa ne ho adi sɛ nkonimdifo wɔ Amansan Abatow mu wɔ December 2004.[1] Ɔtu mmirika kɔdi tumi afe a ɛtɔ so mmienu. Na ɔyɛ MP a ɔhwɛ Kumawu mantam so wɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana.[1] Wɔpaw no sɛ mmrahyɛbadwani maa saa mantam yi wɔ Ghana Republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan ne anum mu.[1][2]

Abatow a wɔyɛ[sesa]

Wɔpaw Baah sɛ mmrahyɛbadwani mma Kumawu mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana nea edi kan wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow no mu. Odii nkonim wɔ New Patriotic Party no tekiti so .[3] Na ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 36 no fa wɔ nkongua 39 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu. New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 128 wɔ nkongua 230 mu. Wɔde abatow 19,223 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 27,477 mu. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 70% yɛ pɛ. Wɔpaw no sen George Amankwaa a ofi National Democratic Congress, Kofi Adu Poku a ofi Convention People's Party, Yaw Opoku Mensah a ofi Great Consolidated Popular Party ne Patrick Osei Aboagye a ɔyɛ ɔkannifo a ɔde ne ho. Eyinom nyaa abatow 5,680, 1,831, 187 ne 556 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 20.7%, 6.7%, 0.7% ne 2% yɛ pɛ.[3]

Wɔ afe 2008 mu no, odii nkonim wɔ amansan abatow no mu wɔ New Patriotic Party tekiti so maa ɔmansin koro no ara.[4] Ná ne mansin no ka mmrahyɛbagua nkongua 34 a ɛwɔ nkongua 39 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu no ho. New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 109 wɔ nkongua 230 mu. Wɔde abatow 15;217 na ɛpaw no wɔ abatow 26;980 a ɛfata a wɔtow nyinaa mu. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 56.4% yɛ pɛ. Wɔpaw no sen Ohene Kwasi Agyemang a ofi National Democratic Congress, Yaw Opoku Mensah a ofi Democratic Freedom Party, Kofi Adu Poku a ofi Convention People’s Party ne Dominic Oteng a ɔyɛ obi a ɔde ne ho. Eyinom nyaa abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 4,278, 174, 191 ne 7,120. Eyinom ne 15.86%,0.64%, 0.71 ne 26.39% yɛ pɛ wɔ abatow a wɔtow nyinaa mu.[4]

Ankorankoro asetar[sesa]

Baah yɛ Kristoni. Ɔyɛ Methodist Asɔre no muni. Ɔwaree na ɔwɔ mma baanu.

Hwɛ nso[sesa]

  • MP a wɔpaw wɔn wɔ afe 2004 Ghana mmrahyɛbagua abatow mu din
  • MP a wɔpaw wɔn wɔ afe 2008 Ghana mmrahyɛbagua abatow mu din

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 124.
  2. Ghana Elections 2008. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2010. p. 62.
  3. 3.0 3.1 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 124.
  4. 4.0 4.1 Ghana Elections 2008. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2010. p. 62.