Yareɛ a yɛ frɛ no Coronavirus

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Structure of a coronavirus
Diagram of the genome and functional domains of the S protein for SARS-CoV and MERS-CoV

Yareɛ a yɛfrɛ no korona(About this soundpronounciation of "Yareɛ a yɛfrɛ no Coronavirus" ) mmoawa nketenkete yareɛ (COVID-19) yɛ yarewa bi a ɛsae nnipa. Nnipa ne nnipa ho nkitahodie ne kwan baako a ɛfa so sae. Kwan foforo bi nso ne sɛ wode Ghana wo nsa a mmoawa nketenkete no wɔ no bɛko w’ani, wo nhweni mu ne w’anum.

Kwan titire a mmoawa nketenkete yi fa so trɛ ne sɛ obi a ɔwɔ yareɛ yi bɔ wa anaa sɛ ɔbɛ hwensi. Sɛ ɛkwan a ɛda  saa onipa yi ɛne afofro ntɛm nnu kwansin mmienu a, nnipa biara a ɔbɛn no no bɛtumi anya bi.

Kwan fofro bi nso ne sɛ wode wo nsa bɛka beaeɛ a korona mmoawa no bi wɔ na wode akɔ w’ani, w’anum ne wo hweni mu a wo nhohoro wo nsa.[1]

After binding of the ACE2 receptor, SARS-CoV spike is activated and cleaved at the S1/S2 level

YAREƐ NO FARE BAE[sesa]

Yareɛ no da ne ho adi kane wo Obenim bosome da ɛtɔ so du-baako wo afe 2020 wɔ Wuhan, kuro keseɛ ɛwɔ China Hubei mmantɛm. Fri saa mmrɛ no, adwuma ɛhwɛ wiase apomuden so (WHO) aka sɛ korona yareɛ yi tumi sae nnipa bebree wo wiase yi mu ha nyinaa. Aman a yareɛ no adan ne ho adi keseɛ paa aya nsusuano bɔne te sɛ owuo bebree ɛne ayare sabea a wɔn ahuoden kɔ fam.  Ne saa nti, ewiase mu apomuden adwuma mu panyin keseɛ a yɛfrɛ no Tedros Adnahom Ghebreyesus aba abonten aka sɛ nnipa nyinaa nka won ho mmom na yɛn ko yareɛ yi.[2]

SARS-CoV genome and proteins

SƐ NEA YAREƐ NO TEƐ WƆ South Africa MAN MU[sesa]

Mprempren yi, nipa b3y3 apem oha aduowotwe aduanan nnum  (1845) na w’aya corona virus yareɛ yi wo South Africa. Nnipa du-wotwe (18) na afiri mu ɛna nnipa aduanan-nnum (45) na won ho atɔ won koraa. Dwuma kuo a wohwɛ apomuden mu nsɛm wo South Africa susu sɛ nnipa bɛyɛ ɔha nkyɛmu aduosia na wo bɛ tumi aya yareɛ no bi wo mmrɛ bi mu. okwan a oman no fa so de asi yareɛ no kwan ne sɛ obiara bɛhyɛ fie na amansan nkitahodie nyinaa nso w’abra. Wo fi saa nhyehyɛe yi asa obenim bosome da a ɛto so aduasa, afe 2020 mu.  Bio nso, oman no aboa apomuden adwuma yɛ foɔ bɛyɛ ope du (10,000) sɛ wonkɔ afie afie mu and wonso nnipa no nhwɛ sɛ wo wɔ mmoawa no bia.

The life cycle of a coronavirus

YAREƐ NO TEBEA[sesa]

Yareɛ no da ne ho adi wo ɛwa, ahuohyɛe, obrɛ, home a ɛsisi so yie. Yareɛ no ho ahyɛn so deɛ no nso bi ne honam yaw, amaman bebree, yam tuo, menemu kro, wonte adeɛ ho panpai ɛne ayaase yaw. Saa nhyɛn so die yi da he ho adi wo nna mmienu (2) kosi nna du-nnan (14) ntɛm. Na ɛmom, nnipa pii da yareɛ no ho adi fi day nnum (5) ɛkɔ. Nnipa pii da nhyɛn so deɛ a ano nyɛ den. Sɛ ano yɛ den pii a nnipa no tumi ya pneumonia. Nnipa dua ni mu nneɛma no ho bi tumi tɔ kyima. Sɛ ɛduru saa ɛmerɛ no a ɛho ko hia sɛ yɛ de saa nnipa no bɛ kɔ ayare hwɛ ntɛm pa ara.

Dokota foɔ de drobɛn bi hyɛ nnipa hwene mu na wo de afa nfidie mu ahwɛ sɛ onipa no wɔ yareɛ no bi anaa sɛ onni bi. Sɛ onipa no wo bi a wogye no tena ayare sa bea hɔ. wo tumi ya ayare sa.

ADURO KORO A WODE SA YADEƐ YI[sesa]

Adokotafoɔ bi ahwehwe mu anya aduro bi wofrɛ no "Vaccine" wɔ brɔfo kasa mu a wɔ kyerɛ sɛ sɛ wo wɔ saa paneɛ yi bi a ɛbɛ yɛ den ama aboa a wɔ ma saa yadeɛ yi si ɛbɛ ba wo so, nti ɛsɛ sɛ onipa bi ara wɔ saa paneɛ yi bi de bɔ won ho ban firi yadeɛ no ho.[3]


Replicase-transcriptase complex
Transcription of nested mRNAs
Nested set of subgenomic mRNAs

AHOBANBƆ[sesa]

Kwan titriw a yɛde bɔ yɛn ho ban fri saa yareɛ yi ne sɛ yɛ bɛ ma kwan ada yɛ ne afofro ntɛm na afei nso yɛn mmɔ ntaataa so wɔ bea bi. Sɛ biribi nti ɛnyɛ yie sɛ yɛ bɛ ma kwan ada yɛ ne afofro ntɛm a, ɛho be hia sɛ yɛ bɛ hyɛ anim nkatasoɔ, anaa sɛ yɛ bɛ kata y’ano bre a yɛ rebo wa. Yɛ bɛ tumi ahyɛ gloves nso wo yɛn nsa. Bio nso, ɛsɛ sɛ nnipa de samina ne nsuo a ɛtene hohoro wɔn nsa. Wobetumi nso de sanitizer de ahohoro wan nsa bɛyɛ sima baako. Yɛ tu nnipa fo sɛ ma won nfa won nsa nkɔ won anim.[4][5]

ɛkwan a yɛ hyɛ anim akatasoɔ no
semina ne nsuo a ɛtene nsa hohoro










BEAƐ A MENYAA MMOA FIRI YƐ[sesa]

  1. https://books.google.com/books?id=ALxG44e0bfAC&q=june
  2. https://talk.ictvonline.org/taxonomy/
  3. File:COVID-19 vaccines (2021) D.jpg
  4. File:Boy wearing a mask during the COVID-19 pandemic in Egypt - Inbound8844811027769309500.jpg
  5. File:Pupil washes hands during COVID-19 pandemic in Ghana.jpg