Jump to content

Yamkuro

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Yamkuro yɛ nsisiiɛ a ɛsi yafunu nwoma no mu,ɔfa a ɛdi kan wɔ yafunu no mu a nnuanenuro kɔgu no, anaa sɛ drobɛn a ɛwɔ fam no.[1][2] .Yamkuro a ɛsi wɔ yafunu mu no, wɔfrɛ no"gastric ulcer", na deɛ ɛsi wɔ yafunu no nwoma a ɛdi kan no, wɔfrɛ no "duodenal ulcer"[3].Yamkuro a ɛsi wɔ yafunu nwoma no mu a ɛnyɛ na koraa ne sɔre a wobɛsɔre anadwo ne w’ayase soro a ɛbɛyɛ wo ya na ɛrentumi mma wo nnidi no.[4] Kuro a ɛsi wɔ yafunu no mu no,yaw no ano bɛyɛ den na adidie nso bɛyɛ den.[5] Mpɛn pii no, wɔfrɛ saa yaw no sɛ ɔhyeɛ.Mpopoeɛ binom ne mmusoɔ,feɛ,wo so bɛte,anaa sɛ worentumi nnidi.Ɛbɛyɛ sɛ mpaninfoɔ nkyekyɛmu mmiɛnsa na sɛ wɔnya yamkuro a worenhunu ɛho mpopoeɛ.Nsunsuansoɔ no bi bɛtumi ayɛ mogyatuo,tokuro a ɛbɛsi wo yam anaa sɛ wo yam kwan bɛsi.Mogyatuo no si bɛyɛ ɔha mu nkyekyɛmu dunnum(15%)wɔ akwan beberee so.[6]

Peptic ulcer disease
Other names Peptic ulcer, stomach ulcer, gastric ulcer, duodenal ulcer
Specialty Gastroenterology

General surgery

Symptoms Heartburn, upper abdominal pain,  nausea, belching, vomiting, blood in the stool, weight loss, weight gain, bloating, loss of appetite,yellowing of the skin and whites of the eyes, difficulty swallowing
Complications Bleeding, perforation, ulcer perforation, blockage of the stomach
Causes Helicobacter pyloribacteria, non-steroidal anti-inflammatory drugs(NSAIDs), tobacco smoking, Crohn's disease
Diagnostic method Based on symptoms, confirmed by endoscopyor barium swallow
Differential diagnosis Stomach cancer, coronary heart disease, inflammation of the stomach lining, gallbladder inflammation
Treatment Medications, stopping NSAIDs, stopping smoking, stopping alcohol consumption
Medication Proton pump inhibitor, H2 blocker, antibiotics
Frequency 87.4 million (2015)
Deaths 267,500 (2015)

Deɛ Ɛde Ba[sesa]

Adeɛ a ɛde yamkuro ba pa ara ne sɛ wobɛnya yareɛ a wɔfrɛ no Helicobacter pylori ne non-steroidal anti-inflammatory drugs(NSAIDS).[7] Nneɛma binom a ɛsan de yamkuro ba ne nnubɔnenom,sɛ wobɛha nipadua no beberee berɛ a nipadua no wɔ yareɛ bi a ano yɛ den no,nyarewa a ɛtumi bɔ nipadua akwaa beberee, yareɛ a ɛyɛ nipadua no mu deɛ ɛyam aduane a yɛdi kɔ yɛn mu no ne brɛboɔ ho yareɛ.[8] Wɔn a wɔanyini no wɔ atinka pa ara ma yamkuro a NSAIDS de ba no.[9] Wɔtumi hunu saa yamkuro yi ɛsiane mpopoeɛ a ɛda ne ho adi no a endoscopy anaa sɛ barium swallow [10] de ba no.Yɛbɛtumi ahunu yareɛ a wɔfrɛ no H. Pylori sɛ yɛde mogya no fa mfidie mu hwehwɛ mmoawa a wɔbɔ nipadua no ho ban a,afei sɛ yɛbɛyɛ nhwehwɛmu afa dwonsɔtwaa ho,nhwehwɛmu a wode bɛhunu mmoawa binom,anaa sɛ yafunu no mu nhwehwɛmu. Nyarewa binom a ɛwɔ saa mpopoeɛ no bi ne yafunu yareɛ mu koankorɔ,akoma yareɛ, ne yafunu no nwoma a ɛno ara bɔ ne ho mmɔden tia nyarewa binom.[11]

Akwansideɛ[sesa]

Adidie nnyɛ ade titire a ɛde ayamkuro ba anaa sɛ ɛtumi si ayamtuo ano.[12] Ɛho ayarehwɛ no bi ne sɛ wobɛgyae nnubɔnenom,wobɛgyae NSAIDS nom, wobɛgyae nsaden nom,na afei woanom nnuro a ɛbɛte nsuden a ɛwɔ yafunu no mu ahoɔden so.Mpɛn pii no nnuro a wɔde te saa nsuden yi ahoɔden so ne proton pump inhibitor(PPI) anaa sɛ H2 blocker, a ɛwɔ sɛ ɛho ayarehwɛ no di nnawɔtwe nnan(4weeks).Wɔde nnuro ahodoɔ bi te sɛ amoxicillin, clarithromycin, ne PPI na ɛhwɛ yamkuro a H. Pylori de ba no.Nnuro ahodoɔ a ɛsi nyarewa ano kwan no kɔ soro deɛ nanso ɛnyɛ berɛ biara na ɛtumi di dwuma.Yɛbɛtumi de endoscopy asa yamkuro a ɛtu mogya,na yɛbɛtumi nso apae ne yam asa no yareɛ berɛ a endoscopy no antumi anyɛ adwuma no.[13]

Mpopoeɛ[sesa]

Yamkuro ho mpopoeɛ na ɛdidisoɔ yi:[14]

  • Ayase yaw (abdominal pains) a ɛyɛ a wɔhyehyɛ no berɛ a wɔde didi.Sɛ ɛba no yamkuro a ɛsi wɔ yafunu nwoma no mu nso a, yaw no tumi di bɛyɛ dɔnhwere mmiɛnsa berɛ a nipa no adidi awie na wanyane no no.
  • Ayase hono(bloating)ne ayase yaw ankasa;
  • waterbrush(ntasuo a ɛfra nsuden wɔ drobɛn mu, ɛwɔ mu ɛne yareɛ a wɔfrɛ no gastroesophageal reflux disease na ɛnam);
  • Abofono ne feɛ ntɛntɛm
  • loss of appetite na afei wo so bɛte, wɔ yamkuro mu;
  • Wo mu bɛyɛ duru, wɔ yamkuro a ɛsi yafunu nwoma mu, a yaw no tumi gyae berɛ a woredidi no;
  • hematemesis(mogyafeɛ);deɛ ɛde ba ne moguatuo a ɛfiri yafunu no mu ba anaa sɛ, sɛ drobɛn no ho to kyema a, ɛsiane feɛ beberebe no nti.
  • melena(tarry, foul-smelling feces due to presence of oxidized iron from hemoglobin);
  • yamkuro tumi de tokuro to yafunu mu anaa yafunu nwoma mu, a ɛde honam mu kuro ba, yaw, a ɛhia sɛ yɛpae nipa no na yɛsa no yareɛ..

Nsɔano[sesa]

Yamkuro nsɔano ma wɔn a wɔfa NSAIDS bɛtumi ayɛ yie sɛ wɔde nneɛma binom te sɛ proton pump inhibitor(PPI), H2 antagonist anaa sɛ misoprostol.[15] NSAIDS a ɛyɛ COX-2 inhibitors tumi te mpɛn dodoɔ a yamkuro de ba no so, sɛ wode toto non- selective NSAIDS no ho a.[16] PPI yɛ adeɛ a ɛtumi boa sɔ ayamkuro ano.Ɛkwan bi so no, yɛnni adanseɛ biara a ɛkyerɛ sɛ H2 antagonist tumi sɔ yafunu mu mogyatuo ano ma wɔn a wɔfa NSAIDS no.[17] Ɛwɔ mu misoprostol tumi boa si yamkuro ano,Wɔn a wɔwɔ cardiovascular risk a ɛwɔ soro no, naproxen a ɛwɔ PPI no hia pa ara. Ɛnte saa nso a, wobɛtumi de nnuro bi te sɛ aspirin, celecoxib, ne PPI kakra adi dwuma.

Abakɔsɛm[sesa]

John Lykoudis, a ɔyɛ nhwehwɛmu fa nnwuma titire ho wɔ Greeceman mu no, de nnuro binom saa nnipa a ɔwɔ yamkuro yareɛ wɔ afe apem ahankron aduonum nwɔtwe(1958) mu, na ɛkyɛreeɛ pa ara ansa na wɔrehunu sɛ ɛyɛ mmoawa yi na ɛde ba.[18]

Ɛyɛ Robin Warren ne Barry J. Marshall a wɔyɛ abɔdeɛ mu nyansapɛfoɔ a wɔfiri Astraliaman mu hunu Helicobacter pylori sɛ ɛno ne adeɛ titire a ɛde ayamkuro ba, wɔ afe apem ahankron aduonwɔtwe mmienu(1982)mu. Wɔ wɔn krataa ankasa a wɔtwerɛeɛ no, Warren ne Marshall sii so dua sɛ yamkuro dodoɔ no ara no, ɛyɛ mmoawa yi na ɛde ba, na mmom no ɛnyɛ ɔbrɛ anaa sɛ nnuane binom a mfemfem nneɛma wɔ mu pii no na ɛde yamkuro ba, sɛdeɛ yɛsusu sɛ ɛteɛ no.[19]

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

[1][2][3][4][5][6][7][8][9][10][11][12]

  1. Wadie I. Najm (2011-09), "Peptic ulcer disease", Primary Care, vol. 38, no. 3, pp. 383–394, vii, doi:10.1016/j.pop.2011.05.001, ISSN 1558-299X, PMID 21872087, retrieved 2024-06-18 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  2. S. Devaji Rao (2014-09-28), Clinical Manual of Surgery - e-book: Clinical Manual of Surgery - e-book (in English), Elsevier Health Sciences, ISBN 978-81-312-3871-4, retrieved 2024-06-18
  3. https://www.semanticscholar.org/paper/Complications-of-Peptic-Ulcer-Dis, retrieved 2024-06-18 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  4. Wadie I. Najm (2011-09), "Peptic ulcer disease", Primary Care, vol. 38, no. 3, pp. 383–394, vii, doi:10.1016/j.pop.2011.05.001, ISSN 1558-299X, PMID 21872087, retrieved 2024-06-18 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  5. Wadie I. Najm (2011-09), "Peptic ulcer disease", Primary Care, vol. 38, no. 3, pp. 383–394, vii, doi:10.1016/j.pop.2011.05.001, ISSN 1558-299X, PMID 21872087, retrieved 2024-06-18 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  6. Wadie I. Najm (2011-09), "Peptic ulcer disease", Primary Care, vol. 38, no. 3, pp. 383–394, vii, doi:10.1016/j.pop.2011.05.001, ISSN 1558-299X, PMID 21872087, retrieved 2024-06-18 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  7. Wadie I. Najm (2011-09), "Peptic ulcer disease", Primary Care, vol. 38, no. 3, pp. 383–394, vii, doi:10.1016/j.pop.2011.05.001, ISSN 1558-299X, PMID 21872087, retrieved 2024-06-18 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  8. https://www.semanticscholar.org/paper/Complications-of-Peptic-Ulcer-Disea, retrieved 2024-06-18 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  9. https://www.semanticscholar.org/paper/Peptic-ulcer-disease-Gilbert-Chan, retrieved 2024-06-18 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  10. Angel Lanas, Francis K. L. Chan (2017-08-05), "Peptic ulcer disease", Lancet (London, England), vol. 390, no. 10094, pp. 613–624, doi:10.1016/S0140-6736(16)32404-7, ISSN 1474-547X, PMID 28242110, retrieved 2024-06-18
  11. Barry Marshall (2002-05-14), Helicobacter Pioneers: Firsthand Accounts from the Scientists who Discovered Helicobacters 1892 - 1982 (in English), Wiley, ISBN 978-0-86793-035-1, retrieved 2024-06-18
  12. B. J. Marshall, J. R. Warren (1984-06-16), "Unidentified curved bacilli in the stomach of patients with gastritis and peptic ulceration", Lancet (London, England), vol. 1, no. 8390, pp. 1311–1315, doi:10.1016/s0140-6736(84)91816-6, ISSN 0140-6736, PMID 6145023, retrieved 2024-06-18