Yalta

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Yalta(About this soundsɛnea yɛbɔ "Yalta"  (Ukrainian ne Russian: Я́лта) yɛ ahomegyeɛ bea a ɛwɔ Crimean Peninsula anaafoɔ mpoano a ɛpo tuntum (Black sea) etwa ɛho ahyia. Edi dwuma sɛ amammuo bea ma Yalta mansini, aman a ɛwɔ Crimea no mu baako. Nnipakan a etwaa mu no, na kuro no wɔ nnipa dodoɔ mpem aduoson nsia, ahanson ne aduanan nsia (76,746) wɔ ( mfeɛ mpem mmienu ne dunan 2014 nnipakan mu).[1]

Kuro no wɔ tete Greek Yalita[2] amammuo mu. Wɔn a wɔsusu sɛ wɔtee kuro no ne Greek atenaefoɔ a na wɔrehwewɛ mpoano a ɛhɔ dwoɔ atena. Ɛwɔ mpoano a ɛmu dɔ yie a n'ani kyerɛ ɛpo tuntum, a bepɔ Ai-Petri etwa ho ahyia.

Beaeɛ no bɛgyee din berɛ a wɔyɛ wɔn Yalta nhyiam sɛ deɛ eka Allied World War II wɔ afe 1945 mu.

Edin " Greater Yalta" yɛ din bi a wɔde ahyɛ Crimean anaafoɔ mpoano fa baabi a ɛkata firi Foros a ɛwɔ Gurzuf atɔeɛ wɔ apueeɛ fam ɛne kuro Yalta ne nkuro bebree a wɔn.

Mmeaɛ[sesa]

Saint Hripsime Church, Yalta

Nikitsky Botanical Garden


Mmeaɛ a agye din wɔ Yalta ne deɛ ɛbɛn no:

  • Yalta's Sea Promenade (Naberezhnaya), housing many attractions, which was renovated in 2003 and 2004.
  • Saint Hripsime Church of Yalta, an Armenian Church, with frescoes by V. Surenyants
  • A Roman Catholic asɔre a Nikolay Krasnov siiɛ
  • Yalta's cable car, taking visitors to the Darsan hill, from which one can see Yalta's shoreline
  • Renovated Hotel Taurica, ahɔhogyebea a adi kan wɔ kane Russian Empire mu a ɛwɔ elevators
  • Alexander Nevsky Cathedral, nea ɔsiiɛ Krasnov, a ɔsan so sii Livadia Ahemfie ne architect P. Terebenyov
  • Kane asoeɛ a ɛhwɛ ahobammɔ sɛm so ahɔhogyebea, wɔsii no sɛ Gothic Castle bɔbea
  • Palace of Bukhara Emir
  • Yalta's Zoo
  • Yalta's Aquarium, housing small dolphins
  • Park-museum Polyana Skazok (Glade of Fairytales)
  • White Dacha – House-museum of Anton Chekhov
  • House-museum of Lesya Ukrainka
  • House with Caryatids, beaeɛ a ɔyɛɛfoɔ A. Spendiarov tenaeɛ
  • Yalta Hotel Complex
  • Roffe Bath, historical monument

Moreover, Yalta's suburbs contain:

  • Foros Church
  • Nikitsky Botanical Garden (Nikita)
  • Livadia Ahemfie (Livadiya)
  • Organ hall wɔ Livadiya
  • Massandra Ahemfie (Massandra)
  • Massandra Winery ne Vaults
  • International children's centre of Artek(Gurzuf)
  • Ai-Petri Mountain (1233 metres high, with a cable car traveling to and from the mountain)
  • Alupka Ahemfie
  • Swallow's Nest castle a ɛbɛn Gaspra.
  • Tsar's Path hiking trail

Nnipakuo ahodoɔ[sesa]

Ukrainian nnipakan a wɔyɛɛ no wɔ Ɔpɛpɔn bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne baako mu (2001) no, na nnipa dodoɔ a ɛwɔ Yalta yɛ mpem aduowɔtwe, ne ahanum (80,500). Ɛmu nnipakuo mu nkyekyɛmu ne: Russian foɔ dodoɔ (ɔha nkyekyɛmu aduosia num ne akyirepɔ num 65.5%), Ukrainian foɔ dodoɔ (ɔha nkyekyɛmu aduonu num ne akyirepɔ nson 25.7%), Belarusians foɔ dodoɔ (ɔha nkyekyɛmu baako ne akyirepɔ nsia 1.6%), ne Crimean Tatars foɔ nso dodoɔ yɛ (ɔha nkyekyɛmu baako ne akyirepɔ mmiɛnsa 1.3%).[3] Nnipa dodoɔ no ara ka Russian kasa sɛ wɔn awoɔ kasa. Saa nnipakuo dodoɔ yi nhyɛ nkurase a ɛbɛn ne nkuro nketewa. Nnipa dodoɔ a ɛwɔ wɔn mpotam dodoɔ yɛ mpem ɔha ne aduasa nkron, ne ahanum (139,500).

Nkuro a ɛne wɔn yɛ anuafoɔ[sesa]

Yalta yɛ anuafoɔ kuro ma:[4][5][6][7]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "Archive copy". Archived from the original on 2015-09-06. Retrieved 2022-02-23.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. https://books.google.com/books?id=KFCqBAAAQBAJ
  3. "Archive copy". Archived from the original on 2012-08-28. Retrieved 2022-02-23. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. "Archive copy". Archived from the original on 2021-05-16. Retrieved 2022-02-23. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. https://www.crimea.kp.ru/online/news/3570885/
  6. https://www.fontanka.ru/2018/04/22/051/
  7. https://cxid.info/143523_lugansk-i-yalta-pobratayutsya-luganchan-zhdut-skidki-na-yubk.html