Woyome Kobla Mensah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Kobla Mensah Wisdom Woyome
Member of Ghana Parliament for South Tongu
Mprenpren
Bere
7 January 2009
OdikanfoKenneth Dzirasah
Ne ho asɛm
Awo bere1 September 1971 (1971-09-01) (age 52)
Dabala, Volta Region Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma3
Sukuu a w'akɔPresbyterian Boys' Secondary School
University of Ghana
N'adwumaPolitician
N'adwumaBusiness Person

Kobla Mensah Wisdom Woyome yɛ Ghana amannyɔni ne Mmarahyɛ Badwa ni a na ɔwɔ mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Fourth Republic of Ghana no mu a ɔgyina South Tongu abatoɔ mpesua no a ɛwɔ Volta Mantam mu no ananmu wɔ National Democratic Congress tekiti so.[1]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Woyome wɔ ɛbɔ bosome no da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ afe 1971. Ɔfiri Dabala kuro bi a ɛwɔ South Tongu Mansini no mu wɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana.[2] Woyome yɛ obi a wawie Presbyterian Mmarimaa Ntoaso Sukuu ne Sixth Form Science College, Legon.[2][3] Woyome wiee ne Bachelors of Science abɔdin krataa wɔ Computer Science and Statistics mu wɔ Ghana Suapɔn, Legon wɔ afe 1997. Ɔsan nso nyaa ne postgraduate diploma wɔ adwumayɛ mu wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration (GIMPA).[1]

Adwuma[sesa]

Kobla Mensah yɛ Stewise nnwumakuo kuo no panyin firi afe 2009 kɔ sii sɛ ɔbɛyɛɛ South Tongu MP.[3]

Amannyɔsɛm[sesa]

Na ɔyɛ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nsia no mu ni kakraa bi. Wɔpaw no sɛ ɔmmɛyɛ Mmabun, Agodie ne Amammerɛ badwakuo no mu ni sɛ ɔmannifoɔ a ɔwɔ dibea. Na ɔsan yɛ Amannɔne Nsɛm badwakuo ne Daa Nhyehyɛe badwakuo no mu ni.[2]

Ankorankoro asetena[sesa]

Wɔkyerɛ sɛ Kobla Mensah Wisdom Woyome yɛ Kristoni na ɔyɛ Action Chapel International asafo no mu nipa. Ɔwaree na ɔwɔ mma mmiensa.[1]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  2. 2.0 2.1 2.2 Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-01
  3. 3.0 3.1 MPs (in American English), retrieved 2023-10-01