Wisdom Gidisu

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Wisdom Gidisu
nnipa
sex or gendermale Sesa
date of birth5 Kotonimma 1967 Sesa
place of birthAdidome Sesa
occupationAmanyɔni, businessperson Sesa
position heldMember of the 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 5th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 4th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atJohn F. Kennedy School of Government Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa
locationVolta Region Sesa

Wisdom Gidisu (wɔwoo no 5 May 1967) yɛ Ghana amanyɔni a ɔyɛ mmrahyɛbaguani ma Krachi East Constituency wɔ Oti Mantam mu wɔ Ghana.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Gidisu wɔ 5 May 1967 wɔ kuro bi a wɔfrɛ no Adidome wɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana. Gidisu wiee Harvard Sukuupɔn mu John F. Kennedy Aban Sukuu a na ɔwɔ BSc wɔ Ɔman Adwumayɛ mu . Afei ɔsan kɔɔ saa asoɛe koro no ara mu kɔnyaa ne master’s degree wɔ Aban ne Akannifoɔ mu. Ɔsan nso nyaa ne Executive MBA wɔ GIMPA wɔ afe 2012 mu. Na ɔwɔ ne adansedi krataa wɔ Executive Education, Managing Change in Dynamic World mu fi Harvard Kennedy wɔ USA. Na ɔwɔ adansedi krataa nso wɔ Advance Health System Management mu wɔ Israel.

Adwuma[sesa]

Ɔyɛ Top-in-Town adwumayɛbea a ɛwɔ Dambai no kwankyerɛfo panyin.

Amammui mu adwuma[sesa]

Gidisu hyɛɛ n’amammui adwuma ase sɛ mmrahyɛbagua no muni wɔ Ɔpɛpɔn 2005 mu bere a ɔde National Democratic Congress (NDC) tekiti dii nkonim wɔ afe 2004 amansan abatow mu no. Na ɔwɔ run of 3 terms wɔ office no mu. Ɔhweree n’akongua maa Micheal Gyato a ofi New Patriotic Party mu wɔ afe 2016 Gha

Ankorankoro asetra[sesa]

Ɔwaree na ɔwɔ mma baawɔtwe. Ɔyɛ Kristoni (Evangelical Presbyterian).

Adɔeyɛ[sesa]

Ɔyɛɛ adesuadan ahorow na ɔmaa nsu ho nhyehyɛe ne gua ahorow nso maa mpɔtam hɔfo a wɔwɔ ne mantam mu. Ɔmaa anyinam ahoɔden a wɔde yɛ nkuraase nso yɛɛ mmerɛw maa nkuraa bi. Ɔkyekyɛɛ atoko afiri nso de som mpɔtam 80 bere a na ɔyɛ mmrahyɛbaguani wɔ ne mpɔtam hɔ no.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]