Wiase afanaa nyinaa mu nnipa dodoɔ

Ɛfi Wikipedia
World population growth from 10,000 BCE to 2021
World population growth from 10,000 BCE to 2021[1]
High, medium, and low projections of the future human world population[2]

Wiase afanaa nyinaa mu nnipa dodoɔ (world population) yɛ nnipa dodoɔ a wɔte ase mprenpren yi. United Nations susuiɛ sɛ anka ɛsɛ sɛ ɛboro ɔpepepem nwɔtwe (8billion) wɔ Obubuo bosome no mfinimfin wɔ mfeɛ mpem aduonu ne aduonu-mmienu mu (2022). Wɔde mfeɛ bɛyɛ mpem ahanu (200,000) wɔ nnipa ho nsɛm ansa wɔn abakɔsɛm reba ne abakɔsɛm a ɛfa nnipa nyinaa dodoɔ sɛ ebeduro ɔpepepem baako (1billion) ne mfeɛ ahanu ne dunkron (219 years) pɛ a aka bebree sɛ wɔbeduro ɔpepepem nwɔtwe(8billion).[3]

Nnipa nyinaa dodoɔ ɛhunu ɛyini ntoatoasoɔ wɔ Ɛkɔm Kɛseɛ a ɛbaeɛ wɔ afe apem ahasa ne dunum kɔ si afe apem ahasa ne dunson (1315-1317) akyi ne Owuo Tuntum (Black Death) wɔ 1350 mu, berɛ a na ɛbɛn ɔpepem ahasa ne aduoson (370,000,000) no. Wiase afanaa nyinaa dodoɔ yini wɔ ɔha nkyemu no, kɔɔ n'anim bɛboro ɔha nkyemu baaka ne akyirepɔ nwɔtwe (1.8%) afe biara, esii wɔ afe apem ahankron ne aduonum num (1955) ne afe apem ahankron ne aduoson num (1975) ntam, ɛrekɔ soro abɛn ɔha nkyemu mmienu ne akyirepɔ baako(2.1%) wɔ afe apem ahankron ne aduosia num (1965) ne afe apem ahankron ne aduoson (1970) ntam.[4] Eyini ne nkɔsoa wɔ ɔha nkyemu mu no te baa fam ɔha nkyemu baako ne akyirepɔ baako (1.1%) wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunum (2015) ne mfeɛ mpem aduonu ne aduonu (2020) ntam na wɔrehwɛ anim sɛ ɛbɛsan ate aba fam wɔ sɛntiri a ɛtɔ so aduonu-baako no mu (21St century).[5]

Amansan nyinaa awoɔ seesei yɛ (2015-2020) ɔpepepem ɔha ne aduanan (140 million )/afe, a wɔsusu sɛ ɛbɛkɔ n'anim wɔ 2040 -2045 wɔ ɔpepepem ɔha ne aduanan- baako(141 millon) anaa afe na asane aba fam nkarankara ɔpepepem ɔha ne aduonu-nsia (126million) anaa afe wɔ 2100 mu. Nnipa dodoɔ a wawu seesei yɛ ɔpepepem aduonum nson (57 million ) anaa afe na wɔsusu ɛbakɔ n'anim steadily ɔpepepem ɔha ne aduonu-baako(121million) anaa afe wɔ 2100.

Wɔ mfeɛ mpem aduonu ne aduonu mu (2020) no nnipa mfeɛ mfinimfin deɛ yɛ mfeɛ aduasa-baako (31years).

Abakɔsɛm[sesa]

Visual comparison of the world population in past and present

Wiase afanaa nyinaa nnipa dodoɔ kan ho nsusuiɛ hyɛɛ aseɛ wɔ 17th Century: William Petty, wɔ afe apem ahansia ne aduowɔtwe-mmienu bɔɔ ne tirim kaa sɛ awaise afanaa nyinaa nnipa dodoɔ yɛ ɔpepepem ahasa ne aduonu (320,000,000). Ɛyɛ den sɛ obi bɛhyɛda abɔ ne tirim aka a ɛbɛyɛ papa kyɛn nkontaabuo biara ara kɛkɛ.

Tete ne Abakɔsɛm akyi nsɛm

Sɛ yɛde yɛn ani rebubu nnipa dodoɔ a ɛwɔ wiase wɔ mmerɛ kuayɔ baae no bɛyɛ 10,000BC no ɛda ɔpepepem baako (1,000,000) ne ɔpepepem dunum (15,000,000) ntam.[6] Mpo ahyɛase no, nnipa mogya mu nhwehwɛmu kyerɛ sɛ nnipa bɛtumi afa nnipa dodoɔ kwan korɔ mu wɔ nnipa bɛyɛ 1,000 ne 10,000 wɔ 70,000 BC mu.

Amansan nyinaa mu nnipa dodoɔ ne nsesaeɛ[sesa]

kɔpem mfeɛ mpem aduonu ne dummienu (2012) mu no, amansan ntonkabuo fa mmaa ne mmarima dodoɔ kyɛ ho no na ɛyɛ bɛyɛ mmarima 1.01 ma ɔbaa baako.[7] Ɛyɛ bɛyɛ ɔha nkyemu aduonu nsia ne akyirepɔ mmiɛnsa (26.3%) wɔ amansan nyinaa nnipa dodoɔ a wɔn mfeɛ no bɛhyɛ mfeɛ dunum (15) ase, na mfeɛ dunum kɔ si aduosia nan (15-64) no yɛ ɔha nkyemu aduosia num ne akyirepɔ nkron (65.9%) ne wɔn a wɔwɔ mfeɛ aduosia-num ne akyire no yɛ ɔha nkyemu nson ne akyirepɔ nkron (7.9%). Wiase nyinaa nnipa dodoɔ mfeɛ a wɔkyekyɛm ekuokuo no, mfinimfin deɛ yɛ mfeɛ aduasa-baako (31) wɔ mfeɛ mpem aduonu ne aduonu (2020) mu, na wɔrehwɛ anim sɛ ɛbɛkɔ anim ayɛ mfeɛ 37.9 wɔ mfeɛ mpem aduonu ne aduonum (2050) mu.[8]

sɛnea Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde kyerɛ no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wiase nyinaa nkwa nna yɛ mfeɛ 73.3 de besi mfeɛ mpem aduonu ne aduonu (2020) , na sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, mmaa mfeɛ yɛ 75.9 na mmarima nso mfeɛ yɛ bɛyɛ mfeɛ 70.8.[3] Wɔ afe 2010 mu no, wɔbuu akontaa sɛ wiase nyinaa awoɔ dodoɔ yɛ mmɔfra 2.44 wɔ ɔbaa biara mu.[9]Ayɛwohomumu bosome wɔ mfeɛ mpem aduonu ne dummienu (2012)mu no, Britania nhwehwɛmufoɔ buu akontaa sɛ asase so nnipa dodoɔ nyinaa mu duru bɛyɛ tɔn ɔpepem 287 (nkaribo ɔpepepem 630), na sɛ wɔkyekyɛ mu a, onipa biara mu duru bɛyɛ kilogram 62 (137 lb).

Han Chinafoɔ yɛ wiase abusuakuo baako a ɛso sen biara, na wɔyɛ wiase nnipa dodoɔ bɛboro 19% wɔ afe 2011 mu.[10] Kasa a wɔka no kɛse wɔ wiase ne Borɔfo (1.132B), Mandarin China (1.117B), Hindi (615M), Spania (534M) ne Franse (280M).

nyamesom akuo akɛse a ɛwɔ wiase de besi mfeɛ mpem aduonu ne aduonu (2020) mu no, wɔabu akontaa sɛnea edidi so yi: Kristosom (31%), Nkramosom(25%), Wɔn a Wɔnka Ho (16%) ne Hindusom (15%).[11]

Wiase mu nnipa dodoɔ wɔ aman mu[sesa]

Asase nsasepɔn nson no mu asia yɛ nea nnipa te hɔ daa wɔ ɔkwan kɛse so. Asia yɛ asasepɔn a nnipa dɔɔso sene biara, na emu nnipa ɔpepepem 4.64 na wɔyɛ wiase nnipa dodow 60%. Aman mmienu a nnipa dɔɔso wɔ mu wɔ wiase ne, China ne India, sɛ wɔka bom a, ɛyɛ wiase nnipa dodoɔ bɛyɛ 36%. Abibiman yɛ asasepɔn a ɛto so mmienu a nnipa dɔɔso sene biara, na nnipa bɛyɛ ɔpepepem 1.34, anaa wiase nnipa dodoɔ 17%. Europe nnipa ɔpepem ahanson ne aduanan nson (747) na wɔyɛ wiase nnipa dodoɔ 10% wɔ mfeɛ 2020 mu, berɛ a Latin America ne Caribbean mantam no yɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem 653 (8%). Amerika Atifi fam, a United States ne Canada titire na wɔwɔ mu no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 368 (5%), na Oceania, ɔmantam a nnipa kakraa bi na wɔte mu no, wɔ nnipa bɛyɛ ɔpepem 42 (0.5%).[12] Antarctica nkutoo na ɛwɔ nnipa kakraa bi pɛ, a wɔsakrasakra a wɔyɛ bɛyɛ 1200 a wogyina po so nyansahu gyinabea ahodoɔ so titire.

Population pyramid of the world in continental groupings in 2023

Wiase afanaa nyinaa nnipa dodoɔ seesie ne neɛ wɔrehwɛ ɛnim. Nnipa dodoɔ no ɛwɔ (ɔpepepem ) mu ɛna ɔha nkyemu wɔ amansan nyinaa wɔ afe a etwam.

Ɔman 2022

Ɔha nkyɛmu

2030

Ɔha nkyɛmu

2050

Ɔha nkyɛmu

Sub-Saharan Africa 1,152 (14.51%) 1,401 (16.46%) 2,094 (21.62%)
Northern Africa and Western Asia 549 (6.91%) 617 (7.25%) 771 (7.96%)
Central and Southern Asia 2,075 (26.13%) 2,248 (26.41%) 2,575 (26.58%)
Eastern and Southeastern Asia 2,342 (29.49%) 2,372 (27.87%) 2,317 (23.92%)
Europe and Northern America 1,120 (14.10%) 1,129 (13.26%) 1,125 (11.61%)
Latin America and the Caribbean 658 (8.29%) 695 (8.17%) 749 (7.73%)
Australia/New Zealand 31 (0.39%) 34 (0.40%) 38 (0.39%)
Other Oceania 14 (0.18%) 15 (0.18%) 20 (0.21%)
World 7,942 8,512 9,687

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "World population estimates and UN projection". Our World in Data. Retrieved 1 November 2021.
  2. "World Population Prospects 2022 , Graphs / Profiles". United Nations Department of Economic and Social Affairs, Population Division. 2022.
  3. 3.0 3.1 https://www.axios.com/2022/11/14/global-population-8-billion-data-world-humans-un
  4. https://web.archive.org/web/20160919061238/https://esa.un.org/unpd/wpp/DataQuery/
  5. https://population.un.org/wpp/Download/Archive/Standard/
  6. https://books.google.com/books?id=cXuCjDbxC1YC&pg=PA26
  7. http://www.indexmundi.com/world/demographics_profile.html
  8. https://www.un.org/esa/population/cpd/cpd2012/Agenda%20item%204/UN%20system%20statements/ECA_Item4.pdf
  9. https://ourworldindata.org/grapher/children-per-woman-UN
  10. https://blogs.wsj.com/chinarealtime/2011/03/04/worlds-most-typical-person-han-chinese-man/
  11. Archive copy, archived from the original on 2020-06-15, retrieved 2023-07-29{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  12. https://www.worldometers.info/world-population/population-by-region/