Wegbe Kpalime

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Wegbe Kpalime yε akuraa bi a ɛwɔ Dayi Anafo fam wɔ Firaw mantam a ɛwɔ ɔman Ghana.

Abakɔsɛm[sesa]

Wɔgyedi sɛ nnipa a wɔte Kpalime mpɔtam hɔ no tu firii Notsie a ɛwɔ ɔman Togo mu na ɛbaa hɔ. Wɔ yɛɛ saa de guane firii Notsie hene Togbe Agorkorli[1] nhyɛsoɔ ne n'atirimmɔden ase. Kuo kɛseɛ baako tu kɔtenaa mpoano. Nnipa a ɛwɔ kuo a ɛtɔ so mmienu no mu ne Wegbe, Kpeve, Klefe ne afoforɔ a ɔte Firaw mfimfini nsaase so.

Ɛmu nnipa[sesa]

Nnipa no mu pii yɛ Anlofoɔ. Wegbe Kpalime ka nkuraaseɛ atitiriw a ɛwɔ Kpalime mpɔtam hɔ. Abusuabɔ da Wegbe ne Kpalime nkuraase ahoroɔ bi te sɛ Kpale, Todome, Tsatee, Hiama, Kaira, To ne Duga ntam. Duga yɛ kpalime nkuraase no mu ɔtitiriw anaa kɛse paa.[2]

Nnipa a ɛwɔ Wegbe di Kpalikpakpa za anaa Kpalikpakpa afahyɛ afe biara wɔ Ɔpɛnimaa bosome no mu. Wɔyɛ eyi de kae akokoduro kɛseɛ a wɔn nananom daa no adi berɛ a wɔretu afiri Notsie a ɛwɔ Togo mu no. Wɔde afahyɛ yi sii hɔ wɔ afe apem ahankron aduokron nsoo(1997).[3] Wɔsesa beaɛ titiriw a wɔdi afahyɛ no afe biara.

Beaɛ a ɛwɔ[sesa]

Akuraa a ɛbɛn Wegbe paa ne Bame, a ɛyɛ bɛyɛ kilometa baako ne akyiripɔ mmiɛnsa(1.3) de kɔ atifi-apueɛ.[4] Akrofu yɛ bɛyɛ kilometa nnan ne akriripɔw nnum (4.5) de kɔ Anafo-Apueɛ fam ne Avenui, afei nso ɛfiiri hɔ rekɔ Anafo fam nso bɛyɛ kilometa nnum ne akyiripɔw nson (5.7). Wode firi Ho a ɛyɛ Firaw mantam no Ahenkuro rekɔ Wegbe no yɛ Lɔɔre (kwanso hyɛn) kwan bɛyɛ kilometa 25 nanso Ho da Wegbe Anafo-Apueɛ fam bɛyɛ kilometa 15. Akwapim-Togo mountain range no da Wegbe atɔeɛ fam ne atifi-atɔe fam na Volta Lake nso toa ɛso. Beaɛ a ɛware yie paa wɔ ɔman Ghana no, wɔfrɛ ɛhɔ Bepɔw Afadja anaa Afadjato wɔ Anlo kasa mu, hyɛ nsaase a ɛda Wegbe ne Akwapim-Togo mountain range no mu. Ɔmantam Dayi ahenkuro Kpeve no nso da Wegbe Atifi-atɔeɛ fam bɛyɛ kilometa mmienu ne akyiripɔw nson (2.7) anaa kwantenpɔn bɛyɛ nsia ne akriripɔw nwotwe (6.8).

 

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://web.archive.org/web/20110722152008/http://news.myjoyonline.com/news/200712/11168.asp
  2. http://wikimapia.org/1097583/Wegbe-Kpalime
  3. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/artikel.php?ID=2839
  4. https://mapcarta.com/16933870