United Love Party

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
United Love Party
ƆkandifoɔRamon Osei Akoto
ƆkyerɛwfoDavid Nii Sackey Sosi[1]
FarebaeRamon Osei Akoto
Bre a wɔde sii hɔ2008
Split fromNational Democratic Congress
AsoɛeCape Coast
Kɔla   
Purple And White[1]
FeneUnited Ɛyɛ Free[1]
United Is Free
EmblemPurple, Red Heart[1]

United Love Party (ULP) yɛ amanyɔkuo a ɛwɔ Ghana. Wɔtee kuo no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe mu.[2]

Abatoɔ[sesa]

Amanyɔkuo no kɔfabaeɛ ne nea ɔda ano ne Ramon Osei Akoto. Na ɛyɛ adeɛ a wɔde boa no ama no ayɛ ɔmanpanin anamusini wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe Ghana abatoɔ mu. Wantumi anni nkunim nom.[3] Mfeɛ nan akyi no, ɔsane gyinaa hɔ sɛ ɔmanpanin nanso wansane antumi antwerɛ ne din wɔ Ghana abatoɔ kɔmisa nkrataa nom ma mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu Ghana abatoɔ nom.[4]

Nhyehyɛeɛ[sesa]

Wɔ wɔn nhyiamudie kɛseɛ no ase wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du baako mu no, Akoto kyerɛ n'adwene sɛ Ghana ɛnte ne ho mfiri amannɔne kuo bi te sɛ International Monetary Find(IMF), World Bank ne United National(UN) ho.[5] Wɔ News nhyiamudie wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du baako mu no, Akoto hunahuna sɛ ɔbɛ saman Ghana manpanin ne Apomuden Soafoɔ sɛ wagye H1N1 paneɛ no wɔ ɔman yi mu.[6] Akoto sane tweetwee Asoeɛ a ɛhwɛ mfudeɛ sɛ wɔde genetically modified aduaba aba ɔman no mu a ɔkyerɛ sɛ ɛde ɔhaw bɛma yɛn apomuden.[7] Akoto sane hyɛɛ bɔ sɛ ɔde anyinam kanea papa bɛbrɛ ɔman no, adan ahodoɔ na wasane ate nnwuma bɛyɛ sɛ ɔpepem a akatua wɔm, ne nnyina wɔ mfeɛ nan nom.[8]

Ayɔnkofa[sesa]

ULP maa nkaebɔ sɛ ɔne Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress a na ɛwɔ aban mu bɛka abom wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia Ghana abatoɔ nom.[9]

Suapɔn[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mu no, amanyɔkuo no daa paw a wɔrebɛpaw wɔn ara "online suapɔn" ,United Love Party Suapɔn(ULPU) adi. Wɔkyerɛɛ mu sɛ ɛno ne "amanyɔkuo a ɛdikan suapɔn a ɛwɔ wiase afanan nyinaa". Ɛyɛ suapɔn a wɔn adesua ɛkɔ so wɔ abɛɛfo ntentan so a wɔbɛtua hwee.[4][10]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 "Political Parties". Official website. Electoral Commission of Ghana. Archived from the original on 6 November 2019. Retrieved 4 November 2020.
  2. https://www.eisa.org/wep/gha2012parties.htm
  3. http://psephos.adam-carr.net/countries/g/ghana/ghana2008.txt
  4. 4.0 4.1 https://en.wikipedia.org/wiki/Special:BookSources/9781544327112
  5. https://www.youtube.com/watch?v=LLyU0-Fq6fI
  6. https://archive.today/20130624031525/http://www.gbcghana.com/index.php?id=1.476710#selection-319.0-319.54
  7. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/artikel.php?ID=230823
  8. https://en.wikipedia.org/wiki/Special:BookSources/9781544327112
  9. https://www.gbcghana.com/1.8505567
  10. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/artikel.php?ID=179461