Tina Gifty Naa Ayeley Mensah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Tina Gifty Naa Ayele Mensah
Awo bere23 January 1964 (1964-01-23) (age 60)
Accra
Ne manGhanaian
AdesuaBachelor's degree in Public Administration and masters in international Relations and Diplomacy
Sukuu a w'akɔGhana Institute of Management and Public Administration
N'adwumaPolitician
Yɛnim no sɛNew Patriotic Party

Tina Gifty Naa Ayele Mensah (wɔwoo no Ɔbɛnem 23, afe 1964) yɛ Ghana amannyɔni na ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Weija-Gbawe mansini no. Ɔyɛ New Patriotic Party no mu nipa na Nana Addo yii no sɛ Akwahosan Soafoɔ abadiakyiri wɔ ɔbɛnem bosome no da a ɛtɔ so du num wɔ afe 2017 mu.[1][2][3][4]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Mensah wɔ Ɔbɛnem bosome no da a ɛtɔ so aduonu mmiensa (23) wɔ afe 1964 mu wɔ Jamestown, Britania Accra a ɛwɔ Greater Accra Mantam mu. Ɔnyaa ne ntoaso sukuu wɔ Accra Mmabaa Sukuu mu. Ɔwɔ Bachelor's degree wɔ Ɔman Adwumayɛ mu ne Masters wɔ amanaman ntam abusuabɔ ne Diplomacy mu wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration.[5][6]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mensah nyaa abatoɔ mma no mu 34,216 na nnipa dodoɔ a wɔtow aba no nyinaa yɛ 59,926 a ɛfata a wɔtoo wɔ afe 2016 mmarahyɛbadwam abatoɔ no mu. Obuobia Darko-Opoku ne Jessica Adwoa Mannuel na wɔyɛɛ akansifoɔ.[7]

Ɔsii akan wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu sɛ mmarahyɛbadani a ɔnam New Patriotic Party so na ɔdii nkonim.

Adwuma[sesa]

Ná ɔyɛ Gemens Company LTD no kwankyerɛfoɔ panyin. wɔ Mamprobi, Accra.[7]

Abasobɔdeɛ ahodoɔ[sesa]

Wɔ Ɔbɛnem bosome no da a ɛtɔ so nan wɔ afe 2017 no, Ghana-Nigeria Mmabun Ahyehyɛdeɛ no maa no abasobɔde wɔ akanni a ɔda nsow ho. Wɔ afe mpem mmienu ne du nson (2017) mu no, FAKS Nhwehwɛmu Dwumadibea no buu no sɛ Ɔsomfoɔ Abadiakyiri a ɔsen biara.

Ankorankoro asetena[sesa]

Tina aware a ɔwɔ mma mmiensa. Ɔda ne ho adi sɛ ɔyɛ Kristoni.[5]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. MyJoyOnline.com - Myjoyonline (Ghana News) Ghana's most comprehensive website. Independent, Fearless and Credible journalism (in American English), retrieved 2023-10-02
  2. Tina Mensah picked as Deputy Health Minister (in English), 2017-03-13, retrieved 2023-10-02
  3. Kojo Akoto Boateng (2017-03-15), Nana Addo’s ministers now 110 (in American English), retrieved 2023-10-02
  4. MyNewsGH (2017-03-17), How Tina Mensah Responded to Her Appointment (in American English), retrieved 2023-10-02
  5. 5.0 5.1 MPs (in American English), retrieved 2023-10-02
  6. Tina Gifty Naa Ayeley Mensah (in American English), retrieved 2023-10-02
  7. 7.0 7.1 MPs (in American English), retrieved 2023-10-02