Syl Cheney-Coker

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Syl Cheney-Coker
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipSierra Leone Sesa
given nameSyl Sesa
date of birth1945 Sesa
place of birthFreetown Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationwriter, poet, journalist, literary scholar Sesa
employerUniversity of Iowa Sesa
educated atUniversity of Wisconsin–Madison, University of California, Los Angeles, University of Oregon Sesa

Syl Cheney Coker a wɔwoo no Ahyɛwohummuwɔ da a ɛtɔ so aduonu nnwɔtwe wɔ afe apem ahankron aduanan num(1945)[1]anwensɛm twerɛfoɔ, ayɛsɛm twerɛfoɔ ne nsɛntwerɛni a ofiri freetown, sierra leone Nyaa nwomasua nteteeɛ wɔ United States, ɔwɔ amansan su bi ma kasadwini abakɔsɛm, na ɔde sɛdeɛ French ne latin American foɔ yɛ wɔn nneɛma ne kwan a wɔfa so yɛ wɔn kasadwini baa Sierra leone. Ɔbɔɔ ne bra dodoɔ no ara wɔ nnommufa mu wɔ ɔman a wɔwoo no mu, na watwerɛ yie pa ara (wɔ anwensɛm, bɔtiremuka ne nneɛma a asi pen ho) afa nnommufa tebea ho ne sɛdeɛ abibifoɔ a wɔwɔ amanɔne si hunu abibiman fa.

Abrabɔ Ahyɛase ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Cheney-Coker wɔ Creole a ɛwɔ Freetown, sierra leone, a na ne din de Syl Cheney Coker na ɔsesaaeɛ bɛyɛɛ no sɛdeɛ yɛsopɛɛle no seesei no wɔ afe apem ahankron ne aduoson (1970) mu.[2] Ɔkɔɔ United States wɔ afe apem ahankron ne aduosia nsia(1966) mu, beaeɛ a ɔkɔɔ university of California, Los Angeles, university of Oregon ne university of Wisconsin –madison. Owiee ne sukuu no ɔsane baa Sierra leone kakra nanso ɔgyee diberɛ tomm wɔ university of Philippines wɔ afe apem ahankron ne aduoson num mu (1975). Akyire no, ɔwaree Filipino baa bi. Ɔkɔɔ alata man (Nigeria) wɔ afe apem ahankron ne aduoson nson (1977) mu kɔ kyerɛɛ adeɛ wɔ university of Maiduguri mu, na ɔsane nso kɔɔ United States wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nnwctwe (1988) mu kcyɛɛ ɔtwerɛfoɔ-wɔ –atenaeɛ mu wɔ lowa suapɔn(university of lowa) mu.[3]

Nsɛntwerɛ adwuma ne Nnommufa[sesa]

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron(1990s) ahyɛaseɛ no, Cheney-Coker sane nso baa freetown bɛyɛɛ vanguard a ɛyɛ dawurobɔ krataa bi a atu mpon sesamufoɔ. Asraafoɔ amammuo ntuguo akyi wɔ afe apem ahankron ne aduokron nson (1997) mu no, wɔde wɔn ani timm Cheney-Coker so sɛ obi a ɔko tia wɔn, nyaa ne ti didiimu a na ɛnyɛ ahodwoɔ so koraa. Wole Soyinka a ɔyɛ alata(Nigeria) anwensɛm twerɛfoɔ a ɔkyerɛ adeɛ wɔ Nevada suapcn mu, Las Vegas nam ne mmɔden mmɔ so boa maa wɔtoo nsa frɛɛ Cheney-Coker maa ɔbɛyɛɛ ɔtwerfoɔ a odi kan wɔ asylum kuropɔn no dwumadie a wɔdii no Las vegas, Nevada mu no. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsane akɔ Sierra leone wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa mu (2003), neɛ ɔreka ne sɛ, “mmerɛ kumaa akyire no, nnommufa nyɛ adeɛ a yɛbu no bem anaa sososoɔ”.[4]

Krataasɛm[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunsia(2016) mu no, Cheney-Coker ne n’abrabɔ mu yɔnkoɔ, Niyi osundare a ɔyɛ alatani awensɛm twerɛfoɔ ne ɔyɛfoɔ ma atwerɛsɛm a wɔato no din awensm atwerɛfoɔ no( the poets), a ɔtenetenefoɔ Chivas DeVinck[5] twerɛɛeɛ no, na na ɛyɛ atwerɛ no ayɛfoɔ. Sene no dii Cheney-Coker ne Osundare akwantuo a wɔtu kɔɔ sierra leone ne alata man mu no wɔ berɛ a na wɔredi wɔn nnamfofa ne kwan abrabɔ mu adesua atetene wɔn wɔ awennie dwumadie mu

Nwoma[sesa]

The Road to Jamaica. 1969.

  • Concerto for an Exile: Poems. London: Heinemann, 1973.
  • The Graveyard Also Has Teeth. London: Heinemann, 1980.
  • The Blood in the Desert's Eyes: Poems. London: Heinemann, 1990.
  • The Last Harmattan of Alusine Dunbar. London: Heinemann, 1990.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://books.google.com/books/about/Die_Romische_Republik.html?id=uZxbAgAAQBAJ#v=onepage&q=Syl%20Cheney-Coker%20June%201945&f=false
  2. https://librarysearch.library.utoronto.ca/permalink/01UTORONTO_INST/afh98j/alma991106635209206196
  3. Prabook, retrieved 2023-05-27
  4. Name Syl Cheney-CokerRole PoetEducation University of California, Los AngelesBooks The last harmattan of Alusine, Sacred River: A. Novel, Stone Child -, Other Po, Concerto for an Exile: Po, The Graveyard Also Has (2017-08-18), Syl Cheney Coker - Alchetron, The Free Social Encyclopedia (in American English), retrieved 2023-05-27{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  5. https://icarusfilms.com/if-poets