University of lowa

Ɛfi Wikipedia

University of Iowa (UI, U of I, UIowa, anaa tiawa Iowa no[1]) yɛ amansan nhwehwɛmu suapɔn a ɛwɔ lowa kuropɔn mu, lowa, United States. Wɔtee no age apem ahanwɔtwe ne aduanan nson (1847) mu, ɛno ne suapɔn a akyɛ pa ara ɔman no mu. Lowa suapɔn no wɔ kɔlege (college) dummienu (12) a wɔma adesua ahodoɔ beboro ahanu (200) ne adwuma ho abɔdin krataa nson (7).[2]

Suapɔn no asase no kɛseɛ yɛ apem, ahanwɔtwe ne aduowɔtwe (1,880-acre) a ɛwɔ lowa asubɔnten ano, lowa suapɔn no ka "R1: Doctoral universities no ho- suapɔn a wɔakwadare wɔ nhwehwɛmu adwuma mu."[3] Ɛwɔ mfeɛ mpem aduonu ne aduonu-baako (2021) wɔ suapɔn no sikasɛm ho no, nhwehwɛmu sika nko ara lowa suapɔn no de dii dwuma yɛ Amerikafoɔ sika ɔpepe ahanwɔtwe ne dunwɔtwe ($818).[4] Deɛ nnipa bebree no ara de nim suapɔn no yɛ wɔn apɔmudensɛm, mmara, ne wɔ awenneɛ ɛyɛ fɛ, ne dwumadie a wɔkan ka amansan dwumadie a ɛtɔ so aduonu-num ho wɔ saa beaeɛ no.[5]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://web.archive.org/web/20111029090249/http://www.uiowa.edu/
  2. http://www.uiowa.edu/
  3. http://carnegieclassifications.iu.edu/lookup/view_institution.php?unit_id=153658
  4. https://research.uiowa.edu/impact/news/ui-research-funding-sets-new-record-fy2021
  5. https://www.usnews.com/best-graduate-schools/top-medical-schools/primary-care-rankings?int=af3309&int=b3b50a&int=aac509