Sony Lab'ou Tansi

Ɛfi Wikipedia
Sony Lab'ou Tansi
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipDemocratic Republic of the Congo, Republic of the Congo Sesa
date of birth5 Ayɛwohomumɔ 1947 Sesa
place of birthKimwenza Sesa
date of death14 Ayɛwohomumɔ 1995 Sesa
place of deathBrazzaville Sesa
manner of deathnatural causes Sesa
cause of deathdeath from AIDS-related complications Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, French Sesa
writing languageFrench Sesa
occupationwriter, theatrical director, screenwriter Sesa
notable workLife and a Half: A Novel Sesa
award receivedGrand prix littéraire en poésie d'Afrique noire Sesa
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Sony Lab'ou Tansi (kitawonsa da a ɛtɔ so num wɔ afe apem ahankron ne aduanan nson kɔsi Ayɛwohomumɔ bosome da a ɛtɔ so du nan wɔ afe apem ahankron ne aduokron num), wɔwoo no wɔ Marcel Ntsoni, a na ɔyɛ congoni a ɔtwerɛ Ayesɛm, ahwɛgorɔ ne anwonsɛm ne anwonsɛm wɔ French kasa mu. Ɛwɔ mu sɛ ɔdii mfeɛ aduanan nson, nanso Tansi da so yɛ ɔtwerɛfoɔ a nea watwerɛ biara ɛso aba wɔ abibire mu ha ne wiase afanan nyinaa. [1]N'Ayɛsɛm "Antipeople" ama no anya abasobɔdeɛ 'Grand Prix Littéraire d'Afrique Noire'. Wɔ mfeɛ bi a atwam no, Ɔbuee dwumakuo bi wɔ Brazzaville wɔ Congo man mu.

Abrabɔ ne nnwuma[sesa]

Anuanom nson no ɔno na ɔyɛ ba panin, yɛwoo Tansi wɔ ɛnkane Belgian Congo a ɛwɔ Kimwaanza akurase,  ɛwɔ kuro no anaafoɔ fam a wɔfrɛ no Kinshasa wɔ ɛnnɛ mmerɛ Congo man mu. Wɔkyerɛɛ no adeɛ wɔ Kikongo kasa mu na wɔhyɛɛ aseɛ kyerɛɛ no French kasa berɛ a na wadi mfeɛ du mmienu, berɛ n'abusuafoɔ tu firii Congo-Brazzaville a ɛnnɛ yɛfrɛ no kwasafoman Congo. Ɔkɔɔ sukuu wɔ École Normale Supérieure d'Afrique Centrale a ɛwɔ Brazzaville, ɛhɔ na Ɔsuaa kasadwini. Ɔwiee n'adesua wɔ afe apem ahankron ne aduoson baako no ɔbɛyɛɛ French ne Borɔfo kyerɛkyerɛfoɔ wɔ Kindamba ne Pointe-Noire. Berɛ a ɔkyerɛkyerɛni ketewa yi hyɛɛ aseɛ sɛ ɔretwerɛ ama agohwɛbea saa afe no, ɔbɛnyaa twerɛdua bi din "Sony Lab'ou Tansi" sɛ adanseɛ ma Tchicaya U Tam'si, Congolesenii a ɔtwerɛɛ anwonsɛm bi a ɛfa ateetee bi a ɛkɔ so wɔ ɔman no amanyɔsɛm mu.

N'adwuma no ahyɛaseɛ mu no, Tansi toaa so bɔɔ mmɔden boaa ne ho wɔ adekyerɛ mu ɛna ɔyɛɛ adwuma sɛ Borɔfo kyerɛkyerɛfoɔ wɔ Tchicaya-Pierre Collége a ɛwɔ Pointe Noire berɛ a ɔredi dwuma wɔ n'ayɛsɛm ahodoɔ mmienu ne ahwɛgorɔ pii ho no. Wɔ afe apem ahankron ne aduoson nkron no, ɔtee Rocado Zulu agohwɛbea, a ɔbɛkɔ akɔyi yɛkyerɛ wɔ n'ahwɛgorɔ no ho wɔ Abibirem, Europe ne United States na wasan akɔ "Festival International des Francophonies" a ɛwɔ Limoges da biara.

Ɔkyerɛɛ adeɛ mfeɛ pii akyire no, Tansi kɔyɛɛ aban adwuma, ɔyɛɛ adwuma sɛ adwuma mu totoiɛfoɔ wɔ asoeɛ ahodoɔ wɔ Brazzaville.  Wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe mu no, ɔne Bernard Kolélas a ɔne kuo afoforɔ adwene nkɔ benkorɔ na ka bomm tee Congolese anamɔntuo ma kabi mame nkabi "Congolese November for Democracy and Integral Development" (MCDDI), amanyɔkuo a preko atia Ɔmanpanin Denis Sassou Nguesso ne Congolese adwuma kuo. Ekuo a ɛwɔ nsa benkum soɔ no bɔɔ mmɔden pia Ɔmanpanin Sassou wɔ kabi mame nkabi na ɛnkane ɔsoafoɔ Pascal Lissouba firii amanehunu kɛseɛ bi mu na wɔyii no sɛ ɔmanpanin wɔ ɔsanaa bosome wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu abatoɔ mu. Wɔ saa afe no ara mu no, wɔyii Tansi maa no kɔɔ mmrahyɛbedwafie sɛ Makélékélé a ɛwɔ Brazzaville abɛdiakyire, nanso n'anammɔntuo sɛ kuo a ɔne afoforɔ adwene nkɔ benkorɔ no hyɛɛ ɔmanpanin Lissouba abufuo maa wɔgyee no krataa a wɔde tu kwan wɔ afe apem ahankron ne aduokron nan mu.[2]

Tansi hunuu sɛ wanya n'abaso werɛmfo, nanso ɛnam sɛ Lissouba sii no kwan wɔ n'akwantuo ho nti wantumi ankɔgye yarehwɛ wɔ amanɔne amma ɔne ne yere. Tansi hokani Pierrette wɔ wɔ saa yareɛ no mu wɔ Ayɛwohomumɔ bosome da a ɛtɔ so aduasa baako wɔ afe apem ahankron ne aduokron num mu ɛna nna du nan akyire no Tansi nso wui.[3]

Nnwoma Ahodoɔ a ɔtwerɛɛ[sesa]

  • Conscience de tracteur (Dakar: Nouvelles Éditions Africaines / Yaoundé: Clé, 1979).
  • La vie et demie: Roman (Paris: Seuil, 1979).
  • Je soussigné cardiaque (Paris: Haitier, 1981).
  • L'état honteux: Roman (Paris: Seuil, 1981).
  • La parenthèse de sang (Paris: Haitier, 1981)
  • L'anté-peuple (Paris: Seuil, 1983)
  • Les sept solitudes de Lorsa Lopez: Roman (Paris: Seuil, 1985)
  • Cinq ans de littératures africaines: 1979-1984 (Paris: C.L.E.F, 1985).
  • Un citoyen de ce siècle (Paris: Equateur, 1986)—comprises "Lettre ouverte à l'humanité" and Antoine m'a vendu son destin.
  • Francophonie: 2 pièces (Paris: L'avant-scène, 1987)—comprises Moi, veuve de l'empire, by Sony Labou Tansi, and Témoignage contre un homme stérile, by Fatima Gallaire.
  • Le coup de vieux: Drâme en deux souffles (Paris & Dakar: Présence Africaine, 1988).
  • Les yeux du volcan: Roman (Paris: Seuil, 1988).
  1. Qui a mangé Madame d'Avoine Bergotha? (Carnières, Belgium: Lansman, 1989).
  • La résurrection rouge et blanche de Roméo et Juliette (Arles: Actes Sud, 1990).
  • Une chouette petite vie bien osée (Carnières, Belgium: Lansman, 1992).
  • Théâtre, 3 volumes (Carnières, Belgium: Lansman, 1995–1998)—v1 comprises Qu'ils le disent, qu'elles le beuglent and Qui a mangé Madame d'Avoine Bergotha?; v 2 Bevat: Une vie en arbre et chars . . . bonds and Une chouette petite vie bien osée; v3 Monologue d'or et noces d'argent and Le trou.
  • Le commencement des douleurs (Paris: Seuil, 1995).
  • Poèmes et vents lisses (Paris: Le Bruit des Autres, 1995).
  • L'autre monde: Écrits inédits, edited by Nicolas Martin-Granel and Bruno Tilliette (Paris: Revue Noire, 1997).
  • L'atelier de Sony Labou Tansi, ed. Martin-Granel and Greta Rodriguez-Antoniotti' (Paris: Revue Noire, 2005)--comprises v1, Correspondance: Lettres à José Pivin (1973-1976) and Lettres à Françoise Ligier (1973-1983); v2, Poésie; and v3, Machin la hernie: Roman.
  • Paroles inédites: La rue des mouches (comédie tragique), Entretiens, Lettres à Sony, ed. Bernard Magnier (Montreuil-sous-Bois: Éditions Théâtrales, 2005).

Borɔfo Nkyerɛaseɛ[sesa]

  • Parentheses of Blood, a play. Trans. Lorraine Alexander Veach. New York: Ubu Repertory Theater Publications, 1986. ISBN 0-913745-19-7
  • The Antipeople, a novel. Trans. J.A. Underwood. and M. Boyars. New York: Kampmann, 1988. ISBN 0-7145-2845-5
  • "An Open Letter To Africans" c/o The Punic One-Party State, an essay. Trans. John Conteh-Morgran. Published in Tejumola Olaniyan and Ato Quayson's African Literature: An Anthology of Criticism and Theory. Malden: Blackwell Publishers, 1990.
  • The Seven Solitudes of Lorsa Lopez. Trans. Clive Wake. Portsmouth: Heinemann, 1995. ISBN 0-435-90594-5
  • Life and a Half, trans. Alison Dundy (Indiana University Press, 2011)

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. McNeece, Lucy Stone (1999). "Black Baroque: Sony La'bou Tansi (1947-1995)". The Journal of Twentieth-Century/Contemporary French Studies revue d'études français. 3 (1): 127–43.
  2. {{cite web}}: Missing or empty |url= (help)
  3. 3]