Simon Atingban Akunye

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Simon Atingban Akunye (wɔwoo no 2 Ɔpɛpɔn 1954) yɛ Ghana amanyɔni. Na ɔyɛ Ghana Aman a Ɛto so Anan no mmrahyɛbagua a Ɛto so Anum no muni, a ogyina hɔ ma Pusiga mantam a ɛwɔ Ghana Atifi apuei mantam mu.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Akunye wɔ Ɔpɛpɔn 2, 1954. Ɔyɛ obi a ofi Pusiga wɔ Upper East Region wɔ Ghana. Ɔyɛ ɔyarehwɛfo panyin a wɔakyerɛw ne din . Onyaa ne ayarehwɛ ho adansedi krataa wɔ Nigeria. Eyi sii wɔ 1984 mu. Ɔsan nso wɔ Executive master’s degree wɔ Governance and Leadership mu wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration . Ɔnyaa adansedie krataa no wɔ afe 2008.

Adwuma[sesa]

Akunye yɛ ayarehwɛfo panyin wɔ Akunye Nkaedi Ayaresabea.

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔdii kan too aba too Akunye kɔɔ mmrahyɛbagua mu wɔ National Democratic Congress tekiti so wɔ afe 2004 Ghana amansan abatoɔ no mu . Ɔtuu mmirika dii tumi a ɛtɔ so mmienu wɔ afe 2008 mu a ɔdii nkonim wɔ mu.[1] Nanso, ɔdii nkogu wɔ National Democratic Congress primaries mu wɔ afe 2016 mu. Ɛno akyi no, ɔsii gyinae sɛ ɔbɛkɔ Independent wɔ afe 2016 Ghana mmrahyɛbagua abatoɔ mu, nanso ɔhweree Pusiga atenaeɛ no maa Laadi Ayii Ayamba a ɔfiri National Democratic Congress .

Abatow a wɔyɛ[sesa]

Wɔpaw Akunye sɛ mmrahyɛbadwani maa Pusiga mantam a ɛwɔ Upper East Region of Ghana wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow mu. Odii nkonim wɔ National Democratic Congress tekiti so. [2] Na ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 9 no fa wɔ nkongua 13 a National Democratic Congress dii wɔ saa abatow no mu maa Upper East Region no mu. National Democratic Congress no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 94 a ɛyɛ kakraa bi wɔ nkongua 230 mu. Wɔde abatow 12,112 paw no wɔ abatow 18,700 a ɛfata a wɔtow nyinaa mu. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 64.8% yɛ pɛ. Wɔpaw no sen Yahaya Seidu Awinaba a ofi Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no mu . Onyaa abatow 6,588 wɔ abatow a wɔtow nyinaa mu. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 35.2% yɛ pɛ.[2]

Wɔ afe 2008 mu no, wɔpaw no sɛ mmrahyɛbadwani wɔ ɔmansin koro no ara mu. Odii nkonim wɔ National Democratic Congress tekiti so . Wɔde abatow 8,803 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 15,684 mu. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 56.13% yɛ pɛ. Wɔpaw no sen Azongo Peter Tasiri a ofi Nnipa Ɔman Nhyiam no mu, Mohammed Imoro Asoko a ofi Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no mu ne Abugbila Daniel a ofi Nhyiam Nnipa Kuw no mu . Eyinom nyaa abatow 391, 5,021 ne 1,469 wɔ abatow a wɔtow nyinaa mu. Eyinom ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 2.49%, 32.01% ne 9.37% yɛ pɛ.[3]

Ankorankoro asetra[sesa]

Ɔyɛ Katolekni na waware na ɔwɔ mma baawɔtwe.

Hwɛ nso[sesa]

Pusiga (Ghana mmrahyɛbagua mantam) .

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Ghana (2009). Ghana Gazette (in English). Government Printer.
  2. 2.0 2.1 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 186.
  3. Ghana Elections 2008. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2010. p. 114.