Jump to content

Seporɔeɛ

Ɛfi Wikipedia
Tooth decay
Nsεm a wͻahyehyε ne baabi a wonya nsεm afoforo
Ɛse a ɛsɛe denam sẽ a ɛporɔw ne yare so.
Ɛse a ɛsɛe denam sẽ a ɛporɔw ne yare so.
Ɛse a ɛsɛe denam sẽ a ɛporɔw ne yare so.

Seporɔeɛ (Brɔfo kasa mu, Tooth dekay) yɛ tebea a acid a mmoawa de ba, na ɛsɛe sẽ mu ntini, na ɛma sẽ mu bɔ ntokuru[1]. Ɛka nnipa a wɔadi mfe ahorow nyinaa wɔ wiase nyinaa, na sɛ wɔansa a, ebetumi ama wɔate yaw, wɔanya ɔyare mmoawa, na wɔn sẽ asɛe[2][3].

Ghana seɛ, Abibirem Akwahosanfo no kyereɛ sɛ, Mpanyimfo a wɔadi fi afe aduosa nnum kosi aduanan nnan mu ɔha mu nhyehyɛm aduokron nsia nya ɛse mu yarba na mmofra nso a wonyaa nndii mfe duabiesa mu ɔha mu nhyehyɛm aduanan so nya se yarba, se tutuuyɛ and seporɔeɛ[4][5].

Ma ɔde Seporɔeɛ ba[sesa]

Nea ɛde sẽ a ɛporɔw ba, nea wɔde siw ano, ne ayaresa ho dwuma a wobedi ho hia na ama anom anya akwahosan pa. Nneɛma pii a ɛka bom de sẽporɔeɛ ba. Mmoawa a wɔde nyarewa ba di mu akoten, efisɛ mmoawa pɔtee bi a wɔwɔ anom dan asikre ma ɛbɛyɛ acid a ɛsɛe sẽ mu ntini[6]. Aduan a asikre pii wom ne anonne ma mmoawa nyin na ɛma acid yɛ kɛse wɔ anom[7]. Anom ahotew a enye te sɛ se a wontwitwi no yiye ma nneɛma fi boaboa ano wɔ anom, na ɛma seporɔeɛ[8].

Anom a awo, a ntasuo a enni anom de ba no brɛ tumi a anom no wɔ sɛ ɛbɛma acid akɔ fam na ɛhohoro aduan mu nneɛma nketenkete no ase[9][10]. Bio nso, aduruyɛ mu tebea horow ne nnuru bi betumi ama sẽporɔeɛ no ayɛ kɛse denam anom nsuo a ɛba anaa nneɛma a ɛwɔ anom.

Abɔde nhwehwɛmu[sesa]

Nea ɛde seporɔeɛ ba ne acid a efi mmoawamu a ɛba ntini a ɛyɛ den (enamel, dentin ne cementum) mu. Mmoawa no na wɔyɛ acid no bere a wɔbubu aduan mu nneɛma anaa asikyir a ɛwɔ sẽ no ani no[11][2].

Nsɛnkyerɛnne a ɔda adi[sesa]

(A) Tokuro ketewaa bi a ɛwɔ se bi ani. (B) X-ray no kyerɛ beae kɛse bi a nduadeba ayera wɔ ɛse no mu (wɔde agyan kyerɛ). (C) Wohu tokuru bi wɔ ɛse no nkyɛn bere a wɔrefi ase ayi nea aporɔw no afi hɔ no. (D) Wɔayi porɔwee nyinaa afi se no ho;

Ebia obi a ɔwɔ seporɔeɛ no renhu sɛ wɔnya yare no. Nsɛnkyerɛnne a edi kan a ebetum ehu no foforo bi ne nsensanee fitaa a ɛwɔ ɛse no so, na ɛkyerɛ sɛ enamel no afi ase rehwere nnuadeba a ehia. Wɔfrɛ eyi sɛ akuru fitaa.

Nsɔano ne Ahobammɔ[sesa]

Wɔnam aniwa mu nhwehwɛmu, ɛse mu X-ray, ne nnwinnade a wɔde hu sẽ te sɛ laser fluorescence ne transillumination a ɛboa ma wohu seporɔeɛ a aniwa ntumi nhu so na ɛkyerɛ sɛ obi wɔ seporɔeɛ[12][13].

Se a wɔhwɛ no yie[sesa]

Ɔkwan titiriw a wɔfa so hwɛ sẽ ho ahotew ne sɛ wɔbɛhohoro sẽ no yie ne se twitwiw dua a wade di dwuma yie[14]. Anom ahotew atirimpɔw ne sɛ ebeyi plaque anaa ntini mu nneɛma fi a ɛbɛba no afi hɔ na asiw seporɔeɛ ano. Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ anom hohor siw sẽ a ɛporɔw ano, nanso wɔda so ara kamfo adeyɛ no kyerɛ wɔ ɔkwanpa a ɛkɔ akyiri so[15][16].

Wɔtaa de brɔs a wɔde twitwi sẽ di dwuma de tew sẽ ho.

Wobetumi de brɔs a wɔde twitwi sẽ ayi nneɛma fi wɔ se no mmeae ahorow afi hɔ, nanso entum enyi sẽ ntam anaa amena mu ne se ntam fi a ɛwɔ mmeae a wɔde we ade no.

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. Oral health (in English), retrieved 2024-06-13
  2. 2.0 2.1 nidcr, Tooth Decay
  3. BMC Oral Health (2022-03-12), Assesment of oral health status in a Ghanaian popukation
  4. Oral crisis in Africa: 96% of Ghanaian adults have gum diseases (in British English), 2017-03-24, retrieved 2024-06-13
  5. Pepsodent (2022-03-18), ‘Don’t Wait Until It’s Too Late #TalkToADentist’ campaign launched by Pepsodent to mark World Oral health Day
  6. Cavities and tooth decay - Symptoms and causes (in English), retrieved 2024-06-13
  7. Caries Risk Assessment and Management | American Dental Association (in English), retrieved 2024-06-13
  8. Dental Plaque : What it Is, What Causes It, and How to Get Rid of I (in English), 2024-02-08, retrieved 2024-06-13
  9. Xerostomia (Dry Mouth) (in English), retrieved 2024-06-13
  10. WebMD Editorial Contributors, An Overview of Dry Mouth (in English), retrieved 2024-06-13 {{citation}}: |last= has generic name (help)
  11. AAP Publication (2014-12-01), Maintaining and Improving the Oral Health of Young Children, retrieved 2024-06-13
  12. Cavities 101, retrieved 2024-06-13
  13. Dental Caries (Decay) (in Australian English), retrieved 2024-06-13
  14. INTRODUCTION TO DENTAL PLAQUE, 2006-06-23, archived from the original on 2007-08-09, retrieved 2024-06-13{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  15. J Evid Based Dent Pract. (2017-03-18), In defense of flossing: can we agree it’s premature to claim flossing is ineffective?
  16. CBC NEWS (2016-08-02), No strong proof that flossing your teeth has medical benefit