Samuel Takyi

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Samuel Takyi ( wɔwoo no Ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa wɔ mfeɛ mpem mmienu mu) yɛ Ghana ntɔkwakonii.[1] Ɔwiee sukuu wɔ "Men's featherweight" nkyekyɛmu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu "summer Olympics", ɔboroo Jean Caicedo of Ecuador wɔ ɔfa a ɛdikan no mu.[2] Ɔsane toa so dii nkunim wɔ David Avila Ceiber a ɔwɔ Colombia so wɔ "quarter final".[3] Duke Ragan a ɔwɔ USA dii ne so nkunim wɔ"semi final bout" na ɔfaa nkunim akyɛdeɛ a ɛyɛ"bronze medal".[4]

Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne nnwomasua.[sesa]

Ɔyɛ Eunice Smith a ɔtɔn nsuomunam wɔ makola dwam ne Godfred Takyi a ɔtɔn ntadeɛ ba barima. Ɔhyɛɛ ne nnwomasua ase wɔ "St Mary's Nursery and preparatory School" ɛna ɔsane kɔ ntoasoɔ sukuu a mmaa ne mmarima adi afra wɔ"Bishop mixed Junior High School". Ɛno akyire no ɔde ne ho kɔbɔɔ apomuden kuo bi ɛna ɔfirii hɔ kɔɔ" the black bombers team" a ɛyɛ "boxing squad of Ghana". Samuel hyɛɛ nkɔkwa koo yi ase wɔ berɛ a na wadi mfeɛ nnwɔtwe na ɔsane nim bɔɔlo bɔ yie paa ara nanso ɛnam din gyeɛ nti ɔno na na ɔda adaka no ano sɛ wɔrebɔ bɔɔlo wɔ Ussher ne Jamestown baabi a na ɔte.[5]

  1. He always showed ambition even as a little boy - Man who discovered Samuel Takyi shares". Modern Ghana. Retrieved 2021-08-05
  2. "Tokyo 2020: Samuel Takyi books quarter final spot in boxing [VIDEO]". Citi Sports Online. 2021-07-28. Retrieved 2021-07-28
  3. "Samuel Takyi don secure Ghana first Olympic medal since 1992". BBC News Pidgin. Retrieved 2021-08-04
  4. Samuel Takyi wins Ghana's first medal at Tokyo 2020 but loses in semi-final". Tokyo
  5. Okine, Sammy Heywood. "Samuel Takyi Engrossed On Becoming A Boxing Legend | News Ghana". News Ghana. Retrieved 2021-08-04.