Samson Abu

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Samson Abu
Member of Ghana Parliament Lawra
Bere
7 January 2013 – 6 January 2017
Ne ho asɛm
Awo bere18 December 1969 (1969-12-18) (age 54)
Dikpe - Lawra, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaTeacher, Administrator

Samson Abu (wɔwoo no 18 ɔpɛnimaa1969) yɛ Ghana amannyɔni ne mmarahyɛbadwani a na ɔka mmarahyɛbadwa a Ɛtɔ so Nsia a ɛwɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu ni a ɔgyina ma Lawra Mansin abatoɔ mpesua no wɔ Upper West mantam no mu wɔ Ghana.[1][2][3][4]

Ankorankoro asetena[sesa]

Abu aware a ɔwɔ mma nan. Ɔyɛ Kristoni (Katolekni).[2]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Abu wɔ ɔpɛnimaa bosome no da a ɛtɔ so du nwɔtwe wɔ afe 1969, na ɔfiri Dikpe - Lawra wɔ Upper West Region.[2]Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn mu baabi a ɔnyaa ne Bachelors’ degree wɔ Administration mu wɔ afe 2004 mu.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Abu yɛ National Democratic Congress mu nipa na ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Lawra abatoɔ mpesua no firi afe 2013 kɔsi afe 2017.[1][2][5]

Na ɔyɛ badwakuo a ɔhwɛ Nwomasua, Mmabun, Agodie ne Amammerɛ ne Atemmu so no mu nipa.[2]

Kɔtɔnkorɔ[sesa]

Wɔ afe 2016 mu no, Abu gyaee NDC na ɔbɛyɛɛ obi a ɔde ne ho bere a Bede Ziedeng dii no so nkonim wɔ wɔn primaries mu.[6]

Adwumafa[sesa]

Na Abu yɛ Ghana Akwahosan Dwumadie sohwɛfoɔ wɔ Lawra Ayaresabea.[1] Na ɔwɔ Ɔmampanyin Dwumadibea sɛ DCE firi Ayɛwohomumɔ bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne num (2005) kɔsi Ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe 2013 mu.[2] Na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ Ghana Education Service firi afe 1994 kɔsi afe 2000. Ɔyɛ akwahosan ho adwumayɛfoɔ.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 Abu, Samson (in American English), retrieved 2023-10-01
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 2.5 2.6 Charles Wundengba (2016-03-20), MP for Lawra - Samson Abu (in American English), retrieved 2023-10-01
  3. Kojo Akoto Boateng (2016-10-14), Lawra independent candidate asked to change his NDC colours (in American English), retrieved 2023-10-01
  4. Peace FM Online, Thirty-Six Contest NDC Parliamentary Primaries In UWR, retrieved 2023-10-01
  5. NDC chases Lawra MP for party van (in English), retrieved 2023-10-01
  6. Kojo Emmanuel (2020-11-25), Election 2020: Will Bede Ziedeng unseat Anthony Karbo in Lawra? (in English), retrieved 2023-10-01