Saani Iddi

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Saani Iddi
Member of Parliament for Wulensi Constituency
Bere
7 January 1997 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
Ne ho asɛm
Awo bere26 May 1956
Owu bere5 June 2012(2012-06-05) (aged 56)

Saani Iddi (Kotonimaa 26, Afe Apem Ahankron ne Aduonum Nsia 1956 – Ayɛwohomumɔ 5, Mfeɛ Mpem-Mmienu ne Du-mmienu 2012) yɛ Ghana amamyɔni .[1]Na ɔyɛ kane soafoɔ a ɔhwɛ Nsuo Ho Nneɛma, Adwumayɛ ne Adan so ne Mmarahyɛbadwa no mu ni ma Wulensi abatoɔ mpɛsoa a wɔ Ghana Atifi Mantam mu no.[2]Saani san nso yɛ kane mansini krakye wɔ Nanumba Anaafoɔ Mansini no mu.[3]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Iddi wɔ Kotonimaa 26, 1956, na ɔfiri Wulensi a ɛwɔ Ghana Atifi Fam Mantam mu no. Onyaa nwomasua ho adansedie krataa a ɛkɔ akyiri wɔ Advanced level.

Amanyɔsɛm[sesa]

Na Iddi yɛ Ghana Adehyeman a Ɛtɔ so nan no Mmarahyɛbadwa a Ɛtɔ so num no mu ni.[4]Na ɔyɛ ɔkannifoɔɔ wɔ afe 1996 Ghana amansan abatoɔ mu sɛ New Patriotic Party no ananmusifoɔ . Ɔdii nkonim wɔ atenaeɛ bi mu maa akuo no a ne nyinaa mpem nsia, ahansia ne aduasa-nsia (6,636) a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyem aduonu-nsia ne akyiri pɔ aduɔson(26.70% ) wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ saa afe no nyinaa mu. Ɔhweree mmarahyɛbadwa no akondwa wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) Ghana amansan abatoɔ no mu na kan ɔmampanin John Agyeikum Kuffour paw no sɛ Ɔmantam Panyin wɔ Nanumba atifi fam mantam mu. Berɛ a New Patriotic Party no hweree wɔn dibea wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Ɛnan (2004) Ghana amansan abatoɔ no mu no, ɔmampanin Evans Atta Mills a wawu no paw no sɛ ɔsoafoɔ abadiakyire a ɔhwɛ nsuo ho nneɛma, adwumayɛ ne adan so afe baako. Iddi sii akan sɛ obi a ɔde ne ho wɔ afe 2008 Ghana amansan abatoɔ mu . Ɛno mu no, ɔdii nkonim a berɛ a ɔnyaa mma 10,174. Owui wɔ n’afe a etwa toɔ wɔ n’adwuma mu. [5]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Na Iddi yɛ Muslimini. Ɔware woo mma nson. Owui wɔ Korle Bu akyerɛkyerɛ ayaresabea wɔ Accra bere a na ɔyare bere bi akyi.

Owuo[sesa]

Ɔwuiɛ wɔ Ayɛwohomumɔ 5, 2012.

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ.[sesa]

  1. Odekro | What has your MP done for you?, retrieved 2023-10-01
  2. Peace FM Online, Death Lays Icy Hands On Wulensi MP, retrieved 2023-10-01
  3. MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  4. Former Deputy Minister for Water Resources Works and Housing passes on | Resource Centre Network Ghana, retrieved 2023-10-01
  5. About: Saani Iddi, retrieved 2023-10-18