Rosemary Ampem

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Rosemary Ampem
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth27 Ɔsanaa 1992 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationassociation football player Sesa
position played on team / specialitydefender Sesa
sportassociation football Sesa

Rosemary AmpemAbout this soundpronounciation of "Rosemary Ampem"  Wɔ woo no Ɔsanaa bosome ne da a ɛtɔ so aduonu nson (27), wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu [1](1992). Ɔyɛ Ghanani bɔɔl bɔfo a osi akan sɛ okyidɔmfo ma Ghana mmaa bɔɔl bɔ kuo. Na ɔka ekuo a esii akan wɔ mmaa bɔɔl bɔ akansie a ɛne African Women’s Championship wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nan (2014) mu[2]. Osii akan maa bɔɔl bɔ kuo a ɛne Immigration Accra wɔ Ghana.[3]

Bɔɔlbɔ ho nsɛm[sesa]

Rosemary Ampem yɛɛ bɔɔlbɔ mu kyidɔmfoɔ maa Black Queens wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunan (2014) mu. Ɔbɔɔ bɔɔl maa Ghana wɔ 2014 ne 2016 Women's Cup of Nations tournament wɔ Namibia ne Cameroon. Onyaa Gold berɛ a Black Queens kɔsii akan wɔ All Africa Games Competition mu wɔ Congo Brazzaville.[4]

N'adwuma wɔ amanɔne[sesa]

Bɔɔlobɔkuo a yɛfrɛ wɔn sɛ CA Ouriense Feminino a wɔwɔ Portugual maa Ghanani ababaawa Rosemary Ampem mfie mmienu kɔntrat sɛ wɔmmɛ si akan mma wɔn, a GHANAsoccernet.com foɔ ka sii so dua.[5]

Ghana Black Queens bɔɔlobɔni a ɔbɔ ne bɔɔlo prapra akyire no de twerɛdua sii krataa so de ne nsa hyɛɛ mfie mmienu kɔntrat ase de maa Portugual bɔɔlobɔkuo kɛseɛ yi wɔ da a na ɛyɛ Memenda, berɛ a ɔfiri Ghana bɔɔlobɔkuo a yɛfrɛ no sɛ Immigration Ladies FC na ɛbae. Saa mmerɛ no, na ababaawa no adi mfie aduonu nsia (26) berɛ a na wadi kan asi akan kakra nso de ama ŽFK Mašinac PZP a ɛwɔ Serbia wɔ afe 2018/2019 bɔɔlobɔ mmerɛ no mu.

Na ababaawa Ampem ka Ghana mmaa a wɔkɔgyee afe mpem mmienu ne du-num (2015) mu All Africa Games kuruwa no wɔ Brazzaville, Congo no ho.

Nkekaho[sesa]

  1. https://www.eurosport.com/football/rosemary-ampem_prs326735/person.shtml
  2. Archive copy, archived from the original on 2022-02-19, retrieved 2022-02-19{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. "Black Queens name final 21 for AWC". ghanafa.org. 27 September 2014.
  4. Archive copy, archived from the original on 2022-02-05, retrieved 2022-02-05{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. https://ghanasoccernet.com/portuguese-side-ca-ouriense-feminino-sign-rosemary-ampem-on-two-year-deal