Roselyn Ngissah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Miss.
Roselyn Ngissah
Ne ho asɛm
Awo bereƆgyefoɔ 8
Lagos, Nigeria
Ne manGhanaGhana
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana,Legon.
N'adwumaSinitwafoɔ

Roselyn NgissahAbout this soundpronounciation of "Roselyn Ngissah" Ghana sinitwafoɔ a w'agye din paa.[1][2] Sini ahorow a watwa no bi ne Adams Apple, Away Bus ne princess Tyra.[1][3][4]Ɔyɛ obi a w'aben wɔ sinitwa mu paa na otumi di sɛ polisini,ɔyere ne abofra.

Mprɛmprɛn yi de bɛsi afe mpem mmienu ne aduonu baako (2021) mu no deɛ na ɔnwaree. Na mmom ayɛ atesɛm sɛ ɔne owura bi a yɛfrɛ no Kojo Ranna retwe mpena a ɛmu yɛ den a aka sɛ wɔbɛware. Berɛ a ɔne nsɛmtwerɛfoɔ retwetwe nkɔma no, Roselyn de too dwa sɛ, “Aane meretwɛn no sɛ ɔno ankasa bɛpae mu aka akyerɛ me ne dɔ, na nka menwene ho mpo na m'apene so ama no. Efiri sɛ ɔyɛ nipa papa, ɔyɛ obi a mɛpɛ sɛ me ne no bɛtena me nkwa nna nyinaa.”[5]

N'awoda Ne Ne Mfeɛ[sesa]

Wɔwoo Roselyn wɔ Ɔgyefoɔ da a ɛtɔ so nnwɔtwe wɔ Ghana nanso wɔtetee no wɔ Lagos,Nigeria.[6] Wei nti ɔne ne nnamfo ne n'ebusuafoɔ bom di n'awoda wɔ Ɔgyefoɔ da a ɛtɔ so nnwɔtwe afe biara.

Nhomasua[sesa]

Roselyn nyaa nhomasua mfiyiaseɛ wɔ Lagos, Nigeria.[6]Ɔkɔɔ ntoasoɔ skuul wɔ Tema Secondary School na ɔtoaa so wɔ 'University of Ghana,Legon'.[7]Osuaa 'Theatre Arts' wɔ suapɔn no mu.

Adwuma[sesa]

Roselyn firii sinitwa ase wɔ Ghana,wɔ afe mpem mmienu ne nan (2004) mu. Sini a odii kan twaae ne 'Sicily'. Sinitwa adwumakuo a wɔfrɛ no 'Correale Pictures' na etwaa saa sini yi wɔ afe mpem mmienu ne nan (2004) mu.[6]Firi saa berɛ no, w'ayɛ sini ahorow pii a emu nea ɛgyee din paa no mu bi ne 'Princess Tyra','Power of the gods' ne 'Somewhere in Africa'. Esiane n'edwumaden ne mmɔden a ɔbɔ wɔ sinitwa mu no nti, otumi di dwuma biara a wɔde bɛma no wɔ sini mu. W'agye abasobɔdiɛ ahorow pii wɔ sinitwa mu na emu baako ne abasobɔdiɛ a ɔgyee wɔ afe mpem mmienu ne du (2010) mu sɛ 'Sinitwani a ɔbɔ ne ho mmɔden paa' wɔ Ghana Sinitwafoɔ Abasobɔ ase.[6]

wɔ afe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008)mu no, ɔnyaa akwanya sɛ nka ɔbɛyɛ adwuma wɔ sikakorabea bi a saa berɛ no na yɛfrɛ no sɛ Merchant Bank, berɛ a na wabɔ ne ho mmɔden yie wɔ mmerɛ a na ɔresum aban afe baako no, n'adwumam panin hunuu ne mmɔdenmɔ nti ɔpɛɛ sɛ nka ɔtoa so yɛ adwuma wɔ sikakorabea hɔ.[8]

Na mmom esiane Roselyn Ngissah dɔ a ɔwɔ de ma sinitwa adwuma no nti, ɛmaa no yii sinitwa adwuma no gyaa sikakorabea adwuma no. Na mfie bebree akyi no a nsɛmtwerɛfoɔ bisaa no saa agyinasie no ho asɛm no, ɔkyerɛɛ mu sɛ ɔnnuu ne ho da sɛ ɔkɔwuraa sinitwa adwuma no mu.[8]

Sini a ɔtwaeɛ.[sesa]

  1. Adams Apples
  2. Princess Tyra
  3. Power of the Gods
  4. Last Victory
  5. My sister's Honour
  6. 4 play
  7. Broken mirror
  8. John and John
  9. Somewhere in Africa
  10. Away Bus
  11. Amakye and Dede
  12. Trending crimes(2020)[8]
  13. Paulone's Diary(2017)
  14. Sin of the soul
  15. Aloe vera[8]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. 1.0 1.1 "I Don't Have The Energy For Politics – Roselyn Ngissah". Modern Ghana. Retrieved 2020-11-06
  2. "Roselyn Ngissah stuns in her birthday shoot". Pulse Ghana. 2019-02-08. Retrieved 2020-11-06.
  3. Abedu-Kennedy, Dorcas (2020-09-24). "Roselyn Ngissah finally tells reason behind 'wedding' photos". Adomonline.com. Retrieved 2020-11-06.
  4. "Roselyn Ngissah To Be Honored @ The 3G Awards". Modern Ghana. Retrieved 2020-11-06.
  5. https://informationflare.com/roselyn-ngissah/
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 https://informationflare.com/roselyn-ngissah/
  7. Archive copy, archived from the original on 2022-02-03, retrieved 2022-02-03{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  8. 8.0 8.1 8.2 8.3 https://www.graphic.com.gh/entertainment/showbiz-news/no-regrets-leaving-banking-for-acting-roselyn-ngissah.html