Rosamond Asiamah Nkansah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
(PW/1)
Rosemond Asiamah Nkansah
Ne ho asɛm
Awo bere
Rosemond Asiamah Nkansah

13 January 1930
Gold Coast
Owu bere20 February 2021
Police Hospital in Accra
Ne manGhanaGhana
AmanyɔkuoPolice Ladies Association (POLAS)
N'adwumaPolice

Rosemond Asiamah NkansahAbout this soundpronounciation of "Rosamond Asiamah Nkansah"  (PW/1 wɔ woo no ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe apem ahankron aduasa ,1930-2021) yɛ obaa odikan wɔ Ghana abakosɛm mu a wɔpaw no sɛ Opolosin baa wo Apolisifo adwumkuo a ɛne Ghana Police Service wɔ Gold Coast.[1][2]

Nhomasua[sesa]

Na okura abodin krataa a ɛne Senior Cambridge ne akyerɛkyerɛfo abodin krataa a ɛne Certificate A.[3]

N'setena mu ne nnwuma[sesa]

Wɔ faa no kaa apolisfo adwumakuo a ɛde Gold Coast Police force wɔ Ɛbɔ bosome no da a edikan, afe apem ahankron aduonum mmienu (1952) bre a na w’adi mfie aduonu mmienu (22).[4] Wodikan faa no[5] ansa na wɔfaa mmaa afoforo du baako (11).[6] Saa bre na mmaa apolisifo nni ho kwna sɛ wɔ ware anaa wɔ wo mma, nea ɔbɛyɛ eyi no mu biara no, wɔ hyɛ ma no ma no de n’adwuma no to hɔ.[7] Ansa na ɔde n’adwuma bɛto hɔ opolisini no, ɔkyerɛw adesrɛde krataa kɔmaa aban a na ɔwɔ so no sɛ ɛsɛ wɔma kwan ma apolisifo mmaa ware na wɔ wo, na afei nso ɛsɛ wɔsan fa wɔn a wɔde wɔn nwuma too hɔ kɔ waree anaa sɛ wɔ kɔ woe no biom.[8]

ɔde n’adwuma too hɔ wɔ kɔtɔnimaa bosome no da ɛtɔ so du nsia (16), afe apem ahankron aduonum nwɔtwe (1958) mu. Bre a ɔde n’adwuma too hɔ no, ɔkyerɛɛ ade wɔ St. John’s Grammar School firii afe apem ahankron aduosia baako (1961) kosii afe apem ahankron aduosia nan (1964) sɛ ɔbenfo ɔkyerɛkyerɛfo esiane abodin krataa a onyae ansa no ɔrekɔ akɔ yɛ apolisi adwuma no. wɔ afe apem ahankron aduosia num (1965) mu no, ɔde afe baako kɔyɛɛ adwuma sɛ ɔkwankyerɛfo wɔ adwumakuo a ɛne Ghana Broadcasting Corporation.[9]

ɔkɔɔ ahomegye mu wɔ afe apem ahankron aduokron nkron (1999) na ɔde n’ane sii nhoma kyerɛw so. ɔsan nso kyerɛɛ nsɛm bi a ɛwɔ ne nhoma a w’akyerɛw (Octagon) no ase kɔɔ amnɔne ne ɔman no kasa ahorɔw mu.[10]

Baabi a Menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "First Ghanaian policewoman now 90 years". Graphic Online. Retrieved 2020-03-17.
  2. "First Ghanaian policewoman now 90 years". Graphic Online. Retrieved 2020-03-17.
  3. "Meet the first woman to join the Gold Coast Police force". The Ghana Report. 2020-03-03. Retrieved 2020-03-17.
  4. Ososanya, Tunde (2020-03-18). "Meet Rosamond Asiamah, Ghana's first female police officer who is 90". Legit.ng - Nigeria news. Retrieved 2021-02-23.
  5. "Police Ladies Association celebrates Rosemond Nkansah, first Ghanaian police woman". www.ghanaweb.com. Retrieved 2020-03-17.
  6. "Ghana's first-ever woman police recruit passes on - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com. Retrieved 2021-02-23.
  7. "First Ghanaian policewoman now 90 years". Graphic Online. Retrieved 2021-02-23.
  8. "First Ghanaian policewoman Rosemond Asiama passes on at 91". Graphic Online. Retrieved 2021-02-22.
  9. Sarfowaa, Nana Ama (20 January 2020). "The Struggles Of The First Policewoman That Changed The Face Of Policing For Women". ghanaxtra. Retrieved 20 March 2020.
  10. Sarfowaa, Nana Ama; Reporter (2020-01-20). "The Struggles Of The First Policewoman That Changed The Face Of Policing For Women". GhanaXtra.Com. Retrieved 2021-02-23.