Robert Baba Kuganab-Lem

Ɛfi Wikipedia
Robert Baba Kuganab-Lem
Member of the Ghana Parliament
for Binduri Constituency
Ne ho asɛm
Awo bere24 November 1966 (1966-11-24) (age 57)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress

Robert Baba Kuganab-Lem yɛ Ghana amanyɔni san ka mmrahyɛbedwafie a ɛtɔso nson ho a ɔgyina mu ma Binduri Abatoɔ mpɛsoa a ɛwɔ Atifi Apueiɛ mantam no wɔ Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress-NDC tekiti so [1] ɔdi saa dwuma yi wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu.

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo no Obubuo, afe Apem, Ahankron ne Aduosia-nsia wɔ Binduri a ɛwɔ Ghana atifi fam mu. [2]Ɔyɛɛ adwuma sɛ nhwehwɛmufoɔ boafoɔ wɔ Kintampo Health Research firi afe Apem Ahankron ne Aduɔkron-nan (1994 ) kɔsii afe Apem Ahankron ne Aduɔkron-nsia (1996). Ɛfiri 1999 kɔsii 2016 no, ɔkyerɛɛ adeɛ wɔ University for Development Studies ansa na wɔrebɛpaw no sɛ ɔsoafoɔ abadiakyire a ɔhwɛ mansini amanyɔsɛm soɔ.

Robert wɔ BA wɔ Ghana Suapɔn mu, MSC wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn no mu. Ɔsan nso wɔ Ph.D. wɔ Keele Suapɔn a ɛwɔ United Kingdom, no mu. Afei, ɔwɔ MPHE wɔ Suez Canal Suapɔn a ɛwɔ Egypt no mu; ɛna MSC wɔ Ghana Suapɔn Legon mu.[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ansa na wɔrebɛpaw no sɛ mmarahyɛbadwani ama Binduri Abatoɔ mpɛsoa no, na ɔyɛ Atifi Apueiɛ matam no soafoɔ firi mfeɛ mpem mmienu ne du-nsia de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne aduonu. Mmom, na ɔno ankasa ne nkorɔfoɔ kyerɛ mu a, wɔnhyɛ da nhu adwuma a na ɔyɛ ma wɔn. Ɛnan so ma no hweree Binduri mmarahyɛbadwa akondwa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu Ghana amansan abatoɔ no mu. [4] Ɔsusu sɛ nkrɔfoɔ binom a wɔmpɛ NDC amanyɔkuo no yie no na na wɔhyehyɛ ntwo a ɔdiiɛ no akyi. Dr. Kuganab-Lem kaa saa asɛm yi wɔ nkɔmmɔdie bi a ɛkɔɔ so wɔ Dreamz Fm radio dwumadibea hɔ no mu.

Ɛwom mpo sɛ Ɔbenfo Kuganab-Lem ankasa kaa sɛ na Owura Mahmou a ɔne no sii akan saa berɛ no akwannya n pa sɔ ɛbenymmgrahyɛbdwa akondwa a no ama NDC ɛde, nanso ɔgye di nso sɛ wɔn a wɔatwa Mmabadwani agua no muni a wɔapaw no ho ahyia no yɛ nnipa a nyaadwomfoɔ a wɔ[5] mpɛ NDC

amanyɔkuo no yie.[6]no.

Ankorankoroɛ Abrabɔ ne Adwumyɛ[sesa]

Wayɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛni panin a na ɔkyerɛ apɔwmuden ne Sikasɛm ( Health Economic) ho adeɛ wɔ (University of Develpement Studies) fa a ɛwɔ Tamale . Wasan nso ayɛ adwuma sɛ ɔsoafoɔ abadiakyire a ɔhwɛ apɔwmuden so firi , Ɔbɛnem, mfeɛ mpem mmienu ne du-nsia (2016) de kɔsi Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so nsia, mfeɛ mpem mmienu ne du-nson(2017) [7]

Beaeɛ menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. MPs (in American English), retrieved 2023-10-03
  2. Robert Baba Kuganab-Lem's biography, fact, career, awards, net worth and life story - ZGR.net, retrieved 2023-10-17
  3. Robert Baba Kuganab-Lem, Biography, retrieved 2023-10-17
  4. Ngamegbulam C. S (2023-06-06), Dr. Kuganab-Lam, defeated Binduri NDC Parliamentary Candidate claims there are lot of evil and witchcraft in the Binduri NDC party (in American English), retrieved 2023-10-17
  5. Ngamegbulam C. S (2023-06-06), Dr. Kuganab-Lam, defeated Binduri NDC Parliamentary Candidate claims there are lot of evil and witchcraft in the Binduri NDC party (in American English), retrieved 2023-10-17
  6. Ngamegbulam C. S (2023-06-06), Dr. Kuganab-Lam, defeated Binduri NDC Parliamentary Candidate claims there are lot of evil and witchcraft in the Binduri NDC party (in American English), retrieved 2023-10-17
  7. Kuganab-Lem, Robert Baba (in American English), retrieved 2023-10-17