Richard Acheampong

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Richard Acheampong
Member of the Ghana Parliament
for Bia East
Mprenpren
Bere
7 January 2013
Ne ho asɛm
Awo bere18 May 1970 (1970-05-18) (age 53)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress

Richard Acheampong (wɔwoo no Kotonimma 18, 1970) yɛ Ghana amanyɔni ne Mmrahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni a ogyina Bia Apueɛ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Atɔeɛ MantamƆman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress) tekiti so.[1]

Ne mmofraase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Acheampong wɔ Kotonimma bosome da ɛtɔ so dunwɔtwe (18), afe 1970. Ofiri Adabokrom, kuro bi a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ Mantam mu.[2] Ɔkɔɔ Suapɔn Kɔlege a Ɛhwɛ Adwumayɛ Ho Adesua So (University College of Management Studies) a ɛwɔ Kumasi wɔ afe 2011 mu na ɛhɔ na onyaa ne bachelor’s abodin krataa wɔ Nnipa Nnwuma mu (bachelor's degree in Human Resource). Ɔsan nso kɔɔ Mountcrest Suapɔn Kɔlege (Mountcrest University College) a ɛwɔ Kanda-Accra wɔ afe 2016 mu na onyaa ne bachelor’s abodin krataa wɔ mmara mu (bachelor's degree in law).[3]

Adwuma[sesa]

Na Acheampong yɛ sikakorabea dwumayɛni (banker). Ɔsan nso yɛɛ adwuma sɛ ɔpanyin boafo (assistant manager) wɔ Nfana Rural Bank Sampa.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Acheampong yɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (NDC) no muni. Wɔ afe 2012 mu no, ɔsii akan maa Bia Apueɛ nkongua no wɔ NDC mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nsia (6) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no tekiti so na ɔdii nkonim.[2]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Acheampong yɛ Kristoni (Onyankopɔn Nhyiam Asɔre - Assemblies of God Church). Waware a ɔwɔ mma baanum (5).

Akyinnyegye[sesa]

bosome Oforisuo afe 2017 mu no, wɔkyerɛ sɛ British High Commission a ɛwɔ Ghana no bɔɔ Acheampong, George Boakye, Johnson Kwaku Adu, ne Joseph Benhazin Dahah soboɔ sɛ wɔboaa wɔn abusuafoɔ ma wɔhyɛn UK wɔ ɔkwan a mmara mma ho kwan so de wɔn diplomatic passport di dwuma. Ɔde ne diplomatic passport no nyaa akwamma visa maa ne hokafo maa adapɛn abien akwamma, ɔkɔɔ so traa UK bɛboro afe.[4][5][6][7]

Ntotoho[sesa]

  1. "Ghana MPs - List of MPs". www.ghanamps.com. Retrieved 2019-02-15.
  2. 2.0 2.1 2.2 "Ghana MPs - MP Details - Acheampong, Richard". www.ghanamps.com. Retrieved 2020-02-06.
  3. "Acheampong, Richard". Ghana MPS (in American English). Retrieved 2022-08-04.
  4. "U.K. Accuses 4 Ghanaian MPs of Visa Fraud". Face2Face Africa (in English). 2017-04-28. Retrieved 2022-02-04.
  5. "Four MPs barred from the UK for 'visa fraud'". Citi 97.3 FM - Relevant Radio. Always (in American English). 2017-04-26. Retrieved 2022-02-04.
  6. Boakye-Yiadom, Nana; Searcey, Dionne (2017-04-27). "Britain Accuses Ghana Lawmakers of Visa Fraud". The New York Times (in American English). ISSN 0362-4331. Retrieved 2022-02-04.
  7. "4 MPs Busted For VIsa Fraud". DailyGuide Network (in American English). 2017-04-27. Retrieved 2022-02-04.