Bia East (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Bia East
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniBia East Mansini
MantamWestern North Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPRichard Acheampong

Bia East (About this soundpronounciation of "Bia East" ) yɛ mpɛsoa baako a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam. Ɛyii mmrahyɛbadwani baako bere a sɛ yɛto aba a neɛ ɔnya mma bebere no na adi nkunim no ne mu. Bia East mpɛsoa no wɔ Bia East mansin no mu wɔ atɔeɛ atififam mantam wɔ Ghana. Amanyɔkuo a ɛte so siesie wɔ Bia East ne kyiniiɛ amanyɔkuo ( NDC ) a Owura Richard Acheampong ne wɔn mmrahyɛbadwani.

Bia East abatoɔ mpesua no yɛ abatoɔ mpesua nkron a ɛwɔ Western North mantam no mu wɔ Ghana. Nkane no na wɔfrɛ abatoɔ mpesua no Bia mansini abatoɔ mpesua so, kɔsi sɛ wɔtee mansini no apuiɛ fam Bia mansini no mu maa yɛnyaa Bia East abatoɔ mpesua no wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu abatoɔ mu. Bia East abatoɔ mpesua no ahenkron ne Sefwi Adabokrom. wɔ tee Bia mansini no abatoɔ mpesua no firii Sefwi-Bibiani mansini no abatoɔ mpesua no mu wɔ afe mpem mmienu ne nan abatoɔ no mu.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nsia (2016) mu abatoɔ mu no, NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no de ananmusini a yɛfrɛ no owura Richard Acheampong[1] na ɛbɛgyinaeɛ yɛnto ne so aba ma ɔmmɛyɛ mmarahyɛbadwani mma Bia East abatoɔ mpesua no so. Abatoɔ no baa awieɛ no na owura Richard Acheampong a ɔgyina maa amannyɔkuo NDC a wɔn ahyɛnsodeɛ ne kyiniiɛ no na ɔdii nkunim, kɔhyɛɛ ɔmamfoɔ a wɔwɔ Bia East abatoɔ mpesua no so anan mu wɔ mmarahyɛbadwam.

Bere Nea yɛtow ne so aba Amanyɔkuo
2016 Richard Acheampong National Democratic Congress

Ɛhyeɛ[sesa]

Abatoɔ mpesua ahodoɔ a wɔne Bia East mansini no abatoɔ mpesua no bɔ hyeɛ bi ne Dormaa mansini no a wɔbɔ hyeɛ wɔ apuiɛ fam, ɛna ɔne Asunafo North abatoɔ mpesua no nso bɔ hyeɛ wɔ atifi fam, Juaboso abatoɔ mpesua no nso wɔ Bia East abatoɔ mpesua no anaafoɔ fam, ɛna Bia West mansini no abatoɔ mpesua no nso ne no bɔ hyeɛ wɔ n'atɔeɛ fam.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.parliament.gh/mps.php