Raphael Kofi Ahaligah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Raphael Kofi Ahaligah (1 January 1945).[1]Ghana amanyɔni. Na ɔka mmerahyɛ badwakuo a ɛtoso num wɔ Adehyeman Ghana amammuo kwasafo dwuma a ɛtoso nan. Fifth Parliament of the Fourth Republic.[2]

Sukuu ne Abrabɔ[sesa]

Yɛ woo Ahaligah wɔ Ɔpɛpɔn bosome no ne da a ɛdikae wɔ afe apem aha nkron ne aduanan num ( 1St January 1945)[3]. Ɔfiri ɛkuro a ɔfrɛ no Nogokpo wɔ Fra mantan mu a ɛwɔ Ghana (Volta Region of Ghana).Ɔnyaa "Middle" sukuu "leaver's" abɔdin krataa wɔ mfei apem ahankron ne aduosia mmiensa mu (1963).[2] Ɔkɔɔ sukuu wɔ Kadjebi L/A "Middle" Sukhumi.

Adwuma[sesa]

Ɔyɛ okuani na kuadwuma ne n'adwuma a ɔyɛ.[4]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔyɛ amanyɔ kuo National Democratic Congress (NDC)nii. Na ɔyɛ mmerahyɛ badwani ma (Afram plains south) Afram Plains Anaafoɔ afam (seat) adwa no de firi mfei mpem mmienu ne ɛnan de kɔsi mfei mpem mmienu ne nwotwe ( 2004 to 2008).[2] Ɔpɛnimaa bosome no mfei mpem mmienu ne nwotwe (December 2008) abatoɔ a yɛ too no wɔ Ghana afanaa nyinaa no ,ɔno na ɔdii nkunim faa Afram plains anaafoɔ afam akondwa no,na ɔnyaa aba a yɛ too yɛ no mu no aba mpem du mmienu ɔha baako ne aduasa mmienu (12,132) a sɛ yɛ ka ne nyinaa bɔmu a ɛsi ɔha nkyekyɛmu aduosia mmiensa ne akyire po nson (63.7% ) de firii ɔha nkyekyɛ mu wɔ abatoɔ a yɛ gyetoomu kenkaeneɛ no nyinaa (100% total valid vote cast).[5] Na ɔyɛ mmerahyɛ badwani (Member of Parliament) de ma Afram Plains anaafoɔ afam mpesuasofoɔ akondwa no de firi mfei mpem mmienu ne nwotwe de kɔsii mfei mpem mmienu ne du mmienu (2008 to 2012).

2004 Abatoɔ[sesa]

Ahaligah na ɛyɛ obi a wɔn diinkae too aba yii no sɛ mmerahyɛ badwani wɔ Afram Plains Anaafoɔ afam (Afram Plains South) mpɛsuaso wɔ mfei mpem mmienu ne ɛnan(2004) wɔ ɔman Ghana abatoɔ a wɔn to no wɔ Ɔman no afanaa nyinaa no mu (2004 Ghanaian General elections).[6] ɔgyenaa hɔ ma nkrofoɔ a wɔn wɔ mpesua no so no din mu wɔ mmerahyɛ badwakuo a ɛtoso nan wɔ kwasafoman Ghana amanmuo a ɛtoso nan no mu.Yɛ too aba yii noɔ no ɔnyaa abatoɔ no mu mma mpem du mmiensa, aha mmiensa ne du mmienu (13,312)de firii mpem aduonu mmienu, aha mmiensa ne aduowɔtwe num(22,385) wɔ aba a yɛ toeɛ no deɛ yɛ gyetoomu nyinaa.Sɛ ɛba ɔha nkyekyɛmu no mu a ɔnyaa ɔha nkyekyɛmu aduosia ne akyire po nwɔtwe (60.8) wɔ aba a yɛ gyetoomu kae yɛ no nyinaa.[7] Wɔ abatoɔ no mu no yɛ too aba maa no dii nkunim wɔ Anthony Adongo a na ofiri New Patriotic Party no so. Ɔnyaa abatoɔ no aba mpem nwɔtwe, aha nson aduoson mmiensa (8,773) wɔ aba a yɛ gyetoomu kaeɛ no nyinaa,na ɛno gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduasa nkron ne akyire po mmienu (39.2%) wɔ aba a yɛ gyetoomu kaeɛ no nyinaa.Yɛ too aba yii Ahaligah wɔ National Democratic Congress tumi krataa so. Ne mpɛsua no ka mpɛsua aduonu mmienu a National Democratic Congress dii nkunim wɔ soɔ no ho wɔ Nkrae mantan mu abatoɔ no.[8] Ne nyinaa nkafua no National Democratic Congress dii nkonim nyaa mmerahyɛ badwam adwa no aduokron nan (94) wɔ mmerahyɛ badwa a ɛtoso nan wɔ adehyeman Ghana mmerahyɛ badwakuo a ɛtoso nan.[9]

Abrabɔ Ankasa[sesa]

Ahaligah aware na ɔwɔ mma ɛdu. Ɔyɛ kristoni a ɔka Catholic Asafokuo ho (Catholic Church).[2]

Ntotoho[sesa]

 

  1. http://staging.odekro.org/person/raphael-kofi-ahaligah/
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 http://www.ghanamps.com/mps/details.php?id=48
  3. {{cite web}}: Empty citation (help)
  4. https://www.modernghana.com/news/47364/farmer-to-contest-ndc-afram-plains-south-constitue.html
  5. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/election2008/parliament.constituency.php?ID=185
  6. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2004/eastern/87/index.php
  7. https://library.fes.de/pdf-files/bueros/ghana/03610.pdf
  8. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2004/eastern/index.php
  9. https://www.fact-checkghana.com/statistics-presidential-parliamentary-election-results/