Prince Jacob Hayibor

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Prince Jacob Hayibor (12 September 1962 – 2016) yɛ Ghana amanyɔni a ɔyɛɛ mmrahyɛbadwani ma Hohoe North Constituency wɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Hayibor wɔ 12 September 1962 na ɔfiri Gbi-Wegbe, kuro bi a ɛwɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana. Ɔnyaa ne Master of Art wɔ Borɔfo kasa mu wɔ Ghana Suapɔn mu wɔ afe 1996. Ɔsan nyaa ne Post Graduate Diploma wɔ Nhomasua mu wɔ Cape Coast Sukuupɔn mu wɔ afe 2001. Ɔsan nso nyaa ne Executive Masters wɔ Aban ne Akannifoɔ mu wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration wɔ afe 2008.

Adwuma[sesa]

Na Hayib yɛ Nhomasua ho Ɔbenfo . Na ɔyɛ Ɔhwɛfo Panyin ne ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Obuasi Ntoaso/Mfiridwuma Sukuu mu .

Amanyɔsɛm[sesa]

Na Hayib yɛ Ɔman Demokrasi Bagua no muni . Na ɔyɛ mmrahyɛbadwani ma Hohoe North Constituency a ɛwɔ Volta mantam mu wɔ Ghana. Ná ɔyɛ kan Savannah Accelerated Development Authority no Titenani. Ɔdii nkonim 28,169 wɔ abatoɔ 38,315 mu valid votes caste a egyina hɔ ma 73.5%. Ɔdii nkonim tiaa John-Peter Amewu a ɔfiri New Patriotic Party no mu a ɔnyaa abatoɔ 8,225 a ɛgyina hɔ ma abatoɔ no mu 21.5% Mordzinu Benedictus Kwaku a ɔfiri Democratic Freedom Party no mu a ɔnyaa abatoɔ 1,242 gyinaa hɔ maa 3.2%, Paul Robert Addo a ɔfiri Convention Peoples Party no nyaa abatoɔ 366 a ɛgyina hɔ ma 1% . ne Victor Nyaxo a ofi Peoples National Convention a ɔnyaa abatoɔ 314 a ɛgyina hɔ ma 0.8%.

Ankorankoro asetra[sesa]

Na Hayibor aware a ɔwɔ mma baanan. Na ɔyɛ Kristoni na na ɔyɛ Seventh Day Adventist Asɔre no muni .

Owuo[sesa]

Hayibor wui wɔ afe 2016 mu, bere a na wadi mfe 54.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]