Peter Kwaku Atuahene

Ɛfi Wikipedia
Peter Kwaku Atuahene
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given namePeter Sesa
date of birth25 Ɛbɔ 1956 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationCatholic priest, Catholic bishop Sesa
position helddiocesan bishop Sesa
religion or worldviewCatholic Church Sesa
consecratorJohn Paul II, Giovanni Battista Re, Jorge María Mejía Sesa

Peter Kwaku Atuahene (wɔwoo no Ɛbɔ 25, 1956) yɛ Gaanani Roman Katolek Asɔre Ɔsɔfopɔn a ɔsom wɔ Goaso a ɛwɔ Ahafo mantam no mu wɔ Gaana .[1]

N'abrabɔ[2][sesa]

Wɔwoo Ɔsɔfopɔn Peter Kwaku Atuahene wɔ Brosankro, wɔ Ahafo mantam no mu wɔ Ɛbɔ bosome no ne da ɛtɔ so aduonu nnum afe apem ahankron ne aduonum nsia (1956) no mu. N'awofoɔ ne Opanin Simon Atuahene-Tawiah ne Maame Margaret Ama Serwaa.

Ɔkɔɔ mfitiaseɛ sukuu wɔ wɔ Brosankro na ɔtoaa so wɔ Kumasi High School (Kumase Ntoasoɔ Sukuu) wɔ afe apem ahankron ne aduoson mmienu (1972) de kɔsi - afe apem ahankron ne aduoson nnan (1974) mu na ɔwie O-Level afe apem ahankron ne aduoson nwɔtwe (1978) ne A-Level wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe (1980) wɔ St. Hubert's Minor Seminary a ɛwɔ Kumase no.

Wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe (1980) mu no, ɔkɔɔ St. Peter’s Regional Seminary, Pedu, Cape-Coast, kɔ suaa Filɔsɔfi ne Theolɔgyi.

Ɔsɔfopɔn a wɔnya ne baabi kɔ Most Rev. James Kwadwo Owusu a berɛ bi na ɔyɛ Sunyani Ɔsɔfopɔn na ɔhyiraa no maa no bɛyɛɛ ɔsɔfoɔ.Wɔhyiraa ne so wieɛ no, ɔde mfeɛ mmienu kɔyɛɛ adwuma wɔ Our Lady of Fatima Parish a ɛwɔ Sampa sɛ Parishi no Ɔsɔfoɔ ɔtɔ so mmienu na ɔde afe baako kɔɔ St. James Minor Seminary yɛɛ adwuma sɛ Ahonhonsɛm Dirɛkta.

Ɔsɔfopɔn Peter Kwaku Atuahene

Afe apem aha nkron ne aduowɔtwe nkron mu no, ɔtuu kwan kɔɔ Duquesne Suapɔn a ɛwɔ Amerika kɔ suaa Maseta of Arte wɔ Fɔmehyin Spiritualiti ne Ɔsomdwuma mu na saa afe no ara ɔsane baa Gaana na ɛno maa wɔpaw no sɛ Ahonhonsɛm Dirɛkta de ma St. Peter’s Major Seminary na ɔde mfeɛ nsia na ɛyɛɛ sa ara.

Wɔtoo ne so aba sɛ ɔsɔfopɔn wɔ Goaso mantam no mu na wɔgyee no toom sɛ ɔsɔfopɔn wɔ Rome wɔ Ɔpɛnimaa bosome no ne da ɛtɔ so nsia afe apem ahankron ne aduokron nwɔtwe(1998).

Seisei ɔno ne Ɛpiskopal Guamtenani dema nsanodwuma ne asɔfo nteteeɛ wɔ Ghana Katɔlik Asɔfopɔn kuo no mu. Ɔsane nso ne Ahafo Mantam Asomdwoeɛ kuw no baanodani.[3]

N'adwuma[sesa]

Wɔ paw no sɛ ɔsɔfoɔ wɔ Sunyani mantam no mu Kitawonsa bosome no da ɛtɔ so adounu nnum afe apem aha nkron ne aduowɔtwe nsia (1986) na wɔ paw no Ɔsɔfopɔn wɔ Goaso mantam wɔ Ahinime bosome no da ɛtɔ so aduonu nnan afe apem ahankron ne aduokron nkron (1997) mu.

Wɔ Ɔpɛpɔn bosome no ne da a ɛtɔ so nsia afe apem aha nkron ne aduokron nwɔtwe (1998) mu no, wɔde Ɛpiskopalo konsekrehyin tooa so. Deɛ ɔdii anim ma wɔyɛɛ saa ne Ɔsɔfopɔn Pope John Paul II (St. Karol Józef Wojtyła †), na wɔn a ɛboa no ne Ɔsɔpɔn mu pɔn Giovanni Battista a ɔyɛ Titula Ɔsɔfopɔn mu pɔn wɔ Forum Novum ne Ɔsɔpɔn mu pɔn Jorge María Mejía a ɔno nso yɛ Titula Ɔsɔfopɔn mu pɔn wɔ Apollonia.

Ɔde bɛyɛ mfeɛ aduasa nson akiripɔ aduanan mmiɛnsa (37.43) na asom sɛ ɔsɔfoɔ na ɔde bɛyɛ mfeɛ aduonu nnum akyiripɔ aduonkron nnum na asom sɛ ɔsɔfopɔn.

Ne som ne n'abakɔsɛm pono nhyehyeɛ[sesa]

Da Mfeɛ Deɛ ɛsiiɛ Abɔdin a na ɛda ne so
Ɛbɔ 25, 1956 67.23 Wɔwoo no -
Kitawonsa 12,1986 29.7 Wɔhyiraa ne so sɛ ɔsɔfoɔ Ɔsɔfo wɔ Sunyani, Ghana
Ahinime 24,1997 41.0 Wɔ paw ne so sɛ Ɔsɔfopɔn Ɔsɔfopɔn wɔ Goaso, Ghana
Ɔpɛnimaa 6,1998 41.2 Wɔhyiraa ne so sɛ Ɔsɔfopɔn Ɔsɔfopɔn wɔ Goaso, Ghana

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. Bishop Peter Kwaku Atuahene [Catholic-Hierarchy], retrieved 2023-12-15
  2. Ɔsɔfoɔ no ho abakɔsɛm, 2023-12-20
  3. Asomdwoeɛ Kuw a ɛwɔ Ghana ne fa wɔ Ahafo baanodani, 2023-12-20