Paul Okoh

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Amb.
Paul Okoh
Ambassador to Egypt
Mprenpren
Bere
January 2017
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
Member of Parliament for Asutifi North Constituency
Bere
7 January 2009 – 6 January 2013
AnanmusiniBenhazin Joseph Dahah
Member of Parliament for Asutifi North Constituency
Bere
7 January 2005 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Awo bere22 February 1949 (1949-02-22) (age 75)
Ne manGhanaianGhana 
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma9
Sukuu a w'akɔUniversity of Cape Coast
N'adwumaEducationist

Paul Okoh yɛ Ghana amanaman mu nkutahodiefoɔ (Ghanaian Diplomat ) a ɔyɛ New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo a ɛwɔ Ghana no kuoba. Seisei ara yi ɔno ne Ɔman Ghana ananmusini wɔ Egypt man no mu (Ambassador to Egypt).[1][2]

Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Okoh Wɔn woo no wɔ ɛyɛ Ɔgyefoɔ bosome no ne da a ɛtɔso aduonu-mmienu wɔ afe apem aha-nkron ne aduanan-nkron (22nd February 1949).[3]ɔfiri Kenyasi nɔma wan (Kenyasi no1) a ɛwɔ Bono ne Ahafo mantam no mu wɔ Ghana(Brong Ahafo Region of Ghana ).[3] Onyas sukuupɔn abɔdin krataa Diploma ɛne suapɔn abɔdin krataa a ɛdikae wɔ nwomasua ne Ɔsom (both Diploma and Bachelor of Education and Religion) de firii ɛyɛ Oguaa Suapɔn Sukuu (University of Cape Coast ).[4]

Adwuma[sesa]

Okoh yɛ nwomanimfoɔ (Educationists ). Na ɔyɛ ɔkwankyerɛfoɔ abɛdiakyire ɛne ɔpanin a ɔda Dompase ntoasoɔ sukuu (Dompoase Secondary Scholl ) ano n o abɛdiakyire (Assistant Headmaster ) a ɛwɔ Dompoase Adansi.[3][4]

Amanfoforɔso Ananmusie[sesa]

kitawonsa bosome wɔ mfie mpem mmienu ne du-nson (July 2017) no mu no Ɔman Panin Nana Akuffo-Addo bɔ Paul Okoh din sɛ Ghana man no ananmusini wɔ Egypt man no mu (Ghana's Ambassador to Egypt). Na ɔka Ghanafoɔ suronko aduonu-mmienu a yɛ bɔɔ wɔn din sɛ wɔn mmɛyɛ animdifoɔ mma Ghana ne amanaman ahodoɔ ho nkɔmodie ne botaeɛ wɔ wiase aman nyinaa so no ho.[1][5][6][7]

Amanyɔsɛm[sesa]

Okoh yɛ New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no ba. Na ɔyɛ mmarahyɛbadwani de ma Asutifi Atifi afam abatoɔ mpɛsoa no so (Asutifi North Constituency ) wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu (Brong Ahafo Region of Ghana) a ɛwɔ Ghana.[4][8]Wei ne Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔso mmiensa, ɛnnan ne ɛnum wɔ Adehyeman Ghana amanmuo a ɛtɔso nnan no mu. (3rd, 4th and 5th parliaments of the 4th republic of Ghana).[1][9]

2000 Abatoɔ[sesa]

Wɔ ɛyɛ mfie mpem mmienu mu no (2000), Okoh yɛ nkunimdifoɔ wɔ Ɔman Ghana nyinaa anaasɛ ɔmanmu nyinaa abatoɔ no mu (Ghanaian general elections) sɛ mmarahyɛbadwani a ɔgyina hɔ ms ɛyɛ Asutifi Atifi fam abatoɔ mpɛsoa no so foɔ (Asutifi North constituency) wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu wɔ Ghana (Brong Ahafo Region of Ghana). Ɔdii nkunim wɔ New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no tumi krataa do a ne ɔgyina hɔ ma Asutifi Atifi fam abatoɔ mpɛsoaso (Asutifi North constituency) ɛwɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtɔso nnan (3rd parliament of the 4th republic of Ghana). Okoh mpɛsoa no ka mmarahyɛbadwafie nkonwa du-nnan (14) a New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no dii so nkunim de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aduonu-baako (21) no mu no ho bi wɔ saa abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu (Brong Ahafo Region).[10][11] Ɛyɛ New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no dii nkunim nyaa mmarahyɛbadwafie nkonwa ɛmufa kɛseɛ a na ne dodoɔ nyinaa yɛ ɔha (100) de firii mmarahyɛbadwa nkonwa aha-mmienu (200) no mu wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amanmuo a ɛtɔso so nnan no mu. (3rd parliament of the 4th republic of Ghana).[11][12]Okoh wɔn de mma mpem nson aha-nsia ne aduowɔtwe-mmienu (7,682 votes) de firii mma mpem du-num ahankron ne aduoson-nwɔtwe (15,978 votes) wɔ mma a wɔn tooeɛ no,ɛmufa dodoɔ a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu. Wei ne ɔha nkyekyɛmu susupɛn aduanan-nkron ne akyiripɔ baako (49.1%) na ɛyɛ pɛpɛɛpɛ wɔ mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu dɛ ɛyɛ no nyinaa mu. Wɔn too aba maa no sɛ nkunimdifoɔ wɔ wɔn a ɛdidisoɔ yi so Baah Danquah Emmanuel a na ɔfiri National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no mu, Georges Nsiah-Afriyie a ɔno kɔ gyina kontenkorɔ sɛ wɔn nto ne so aba (independent candidate), Norbert Anane-Nyarko a na ɔno nso firii ɛyɛ Convention People's Party (CPP) amanyɔkuo no mu ɛne Darkwa Anthony a na ɔno nso firi National Reform Party (NRP) amanyɔkuo no mu. Wei ne mma a wɔn mu biara nyaaeɛ mma mpem nsia aha-nwɔtwe ne aduokron-num (6,895), ahankron ne nsia (906), ɔha ne aduanan-nson (147) ɛne mma hwee (0) wɔ mma wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu. Ne wei mo nso ne ɔha nkyekyɛmu susupɛn a ɛdidisoɔ yi na ɛyɛ pɛ aduanan-nnan ne akyiripɔ baako (44.1%,), ɛnum ne akyiripɔ nwɔtwe (5.8%), hwee ne akyiripɔ nkron (0.9%) ɛne hwee (0%) wɔ mma wɔn tooeɛ no nyinaa deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[13][14]

2004 Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfie mpem mmienu Ɔman Ghana nyinaa abatoɔ no mu no (2004 Ghanaian general elections), Okoh wɔn too aba maa no kɔɔ mmarahyɛbadwafiemmarahyɛbadwani a ɔgyina hɔ ma Asutifi Atifi fam abatoɔ mpɛsoa no so wɔ ne mprɛnusoɔ (Asutifi North constituency).[15]Odii nkunim wɔ abatoɔ no mu New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no tumi krataa so.[15][16] Okoh mpɛsoa no ka mmarahyɛbadwafie nkonwa du-nan (14) a New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no nyaa de firii ɛyɛ mmarahyɛbadwam nkonwa aduonu-nan (24) no mu wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu (Brong Ahafo Region).[17][18] Ɛyɛ New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo na wɔn nyaa ɛyɛ mmarahyɛbadwafie nkonwa no mu fa kɛseɛ a na ne dodoɔ yɛ ɔha ne aduonu-nwɔtwe (128) de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aha-mmienu ne aduasa (230) no mu ɛwɔ saa abatoɔ no mu.[18][19] Okoh wɔ de mma mpem nkron aha-nson ne aduanan-baako (9,741votes) de firii ɛyɛ mpem du-nwɔtwe aha-mmienu ne aduonu-nsia (18,226) wɔ mma wɔn tooeɛ no nyinaa deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu, na wri ne ɔha nkyekyɛmu susupɛn aha-num ne akyiripɔ aduasa (53.40%) wɔ mma a wɔn tooeɛ no nyinaa mu no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[15][16] Wɔn too aba yii no sɛ nkunimdifoɔ wɔ wɔn a ɛdidisoɔ yi so Samuel Nana Asamoah a na ɔfiri Convention People's Party (CPP) amanyɔkuo no mu ɛne Eric Addae a na ɔno nso fir ɛyɛ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no mu.[15] [16]Wei ɔha nkyekyɛmu baako ne akyiripɔ hwee (1.00%) ɛne aduanan-num ne akyiripɔ aduosia (45.60%) wɔ mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[15][16]

2008 Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfie mpem mmienu ne nwɔtwe Ɔman Ghana abatoɔ a ɛkɔɔso wɔ Ghana afanaa nyinaa no (2008 Ghanaian general elections), Okoh wɔn de mma mpem du ne aduonu-nwɔtwe (10,028 votes) na ɛyii no na onyaa de firii mma mpem aduonu ahankron ne du-nson (20,917) wɔ mma a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu. Na Wei ne ɔha nkyekyɛmu susupɛn aduanan-nson ne akyiripɔ nkron (47.9%) na ɛyɛ pɛpɛɛpɛ wɔ mma a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[3][20]Wɔ too aba maa no sɛ nkunimdifoɔ wɔ wɔn a ɛdidisoɔ yi so Eric Addae a na ɔfiri National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no mu, Emmanuel Osei Kofi a na ɔno nso firi ɛyɛ Democratic Freedom Party (DFP) amanyɔkuo no mu, Yaa Durowaa a ɔno nso firi Democratic People's Party (DPP), amanyɔkuo no mu,Badu Augustine a ɔno nso na ɔfiri Convention People's Party (CPP) amanyɔkuo no mu ɛne Patrick Kennus Boakye a ɔno nso kɔ gyinaeɛ sɛ kontenkorɔ (independent candidate).[20] Deɛ ɛdidisoɔ yi ne ɔha nkyekyɛmu susupɛn a wɔn mu biara nyaaeɛ na ɛyɛ pɛ aduanan -baako ne akyiripɔ aduosia (41.60%), hwee ne akyiripɔ aduonum-nson (0.57%), hwee ne akyiripɔ aduonu-baako (0.21%) hwee ne akyiripɔ aduosia-nnan (0.64%) ɛne nkron ne akyiripɔ num (9.05%) wɔ mma a wɔn gye too mu no nyinaa mu wɔ mfie mpem mmienu ne nwɔtwe Ɔman Ghana nyinaa abatoɔ no mu (2008 Ghanaian general elections).[20]



Ankorɛankorɛ Abrabɔ[sesa]

Okoh yɛ ɔwarefoɔ a ɔwɔ mma nkron (9 children). Ɔyɛ okristoni a ɔyɛ Roman Asore ( Catholic Church) kuo no ba a ɔne wɔn na ɛsom.[4]

Bea me nyaa mmoa firiieɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 Here’s a full list of Akufo-Addo’s 22 newly appointed Ambassadors - MyJoyOnline.com, 2017-11-19, archived from the original on 2017-11-19, retrieved 2022-09-29{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  2. BusinessGhana, retrieved 2022-09-29
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 Ghana MPs - MP Details - Okoh, Paul, 2016-05-06, archived from the original on 2016-05-06, retrieved 2022-09-29{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 MPs (in American English), retrieved 2022-09-29
  5. President Akufo-Addo presents credentials to 22 new ambassadors (in English), 2017-07-11, retrieved 2022-09-30
  6. President Akufo-Addo appoints 22 more Ambassadors – The Presidency, Republic of Ghana, 2017-07-13, archived from the original on 2017-07-13, retrieved 2022-09-30
  7. Ghana's Ambassador to Egypt visits Aduana Stars ahead of Al Tahaddi game (in English), 2018-02-10, retrieved 2022-09-30
  8. Emmanuel Dogbevi (2010-11-15), Hotels should strive for good customer care - Paul Okoh (in American English), retrieved 2022-10-01
  9. Results Parliamentary Elections, retrieved 2022-10-01
  10. Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Brong Ahafo Region, retrieved 2022-10-01
  11. 11.0 11.1 Kwaku Krobea Asante (2016-08-10), Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results (in American English), retrieved 2022-10-01
  12. GHANA: parliamentary elections Parliament, 2000, retrieved 2022-10-01
  13. Hakim Gali (2015-01-22), "Conditions et étendue de la réparation du préjudice d'anxiété", Actualité juridique du dommage corporel, no. 2, doi:10.35562/ajdc.476, ISSN 2497-2118, retrieved 2022-10-01
  14. Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Asutifi North Constituency, retrieved 2022-10-01
  15. 15.0 15.1 15.2 15.3 15.4 Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Asutifi North Constituency, retrieved 2022-10-01
  16. 16.0 16.1 16.2 16.3 ""Anmerkung zu BVerfG, Urt. v. 26.2.2020- 2 BvR 2347/16, 651/16, 1261/16, 1593/16, 2354/16, 2527/16"", Ankara Sosyal Bilimler Üniversitesi Hukuk Fakültesi Dergisi, 2022-09-26, doi:10.47136/asbuhfd.1163109, ISSN 2667-5668, retrieved 2022-10-01
  17. Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Brong Ahafo Region, retrieved 2022-10-01
  18. 18.0 18.1 Kwaku Krobea Asante (2016-08-10), Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results (in American English), retrieved 2022-10-01
  19. Peace FM, Ghana Election 2004 Results - President, retrieved 2022-10-01
  20. 20.0 20.1 20.2 https://library.fes.de/pdf-files/bueros/ghana/10489.pdf