Patrick Yaw Boamah

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Patrick Yaw Boamah
Member of the Ghana Parliament
for Okaikwei Central  Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2013
OdikanfoNew
Ne ho asɛm
Awo bere19 September 1974 (1974-09-19) (age 49)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔ
N'adwumaPolitician
N'adwumaLawyer

Patrick Yaw Boamah (wɔwoo no afe 1974) yɛ Ghana amanyɔni ne Mmrahyɛ Badwa a Ɛtɔ so Nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so nnan no muni a ogyina Okaikwei Mfinifini Mmrahyɛbadwam mpɛsoa (Okaikwei Central Constituency) ananmu wɔ Greater Accra Mantam wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) no tekiti so.[1]

Ne mmofraase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Boamah wɔ Ɛbɔ bosome da ɛtɔ so dunkron (19) afe 1974. Ofiri Mourso-Effiduase, wɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana. Onyaa ne bachelor of laws ne master’s degree wɔ Amanaman Ntam Nsɛm mu wɔ Ghana Suapɔn mu (University of Ghana) wɔ afe 2004 ne afe 2005 mu. Akyiri yi ɔkɔɔ Ghana Mmara Sukuu mu (School of Law) baabi a onyaa ne mmaranimfo abodin krataa (barrister-at-law degree) wɔ afe 2009 mu.[1][2][3][4][5]

Adwuma[sesa]

Boama yɛ mmaranimfo (lawyer) wɔ n’adwuma mu. Ansa na ɔrehyɛn amanyɔsɛm mu no, na ɔyɛ Ɔboafoɔ (Associate) wɔ Sam Okudzeto ne Associates mmara adwumayɛbea (Sam Okudzeto and Associates law firm).[1][2][3][4][5]

Amanyɔsɛm[sesa]

Boamah kɔɔ mmarahyɛ badwa mu wɔ Ɔpɛpɔn bosome da ɛtɔ so nson (7) afe 2013 wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) a ogyinaa Okaikwei Mfinifini Mmrahyɛbadwam mpɛsoa (Okaikwei Central Constituency) ananmu no tekiti so. Wɔsan paw no wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ mu sɛ ɔmmɛgyina Mmrahyɛbadwam mpɛsoa no ananmu mprenu a ɛtoatoa soɔ.[1][2][3][4][5]

Wɔ mmarahyɛ badwa mu no, wasom wɔ boayikuw ahorow mu, a emu bi ne; Mmarahyɛ Boayikuw a Ɛka Ho (Subsidiary Legislation Committee), Atemmu Boayikuw (Judiciary Committee), ne Amannɔne Nsɛm Boayikuw (Foreign Affairs Committee).[1][3][5]

Ɔsii akan wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu sɛ mmarahyɛ badwa mu kandifoɔ ma Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) na ɔdii nkonim.

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Boama aware a ɔwɔ mma baanu (2). Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni na ɔyɛ Methodist Asɔre a ɛwɔ Ghana no muni.[1][2][3][4][5]

Ntotoho[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 1.5 "HON. PATRICK YAW BOAMAH". Parliament of Ghana. Retrieved 6 February 2020.
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 "Ghana MPs – List of MPs". www.ghanamps.com. Retrieved 6 February 2020.
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 "Member of Parliament Patrick Yaw Boamah". Ghana Web. Archived from the original on 5 September 2019. Retrieved 6 February 2020.
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 "HON. PATRICK YAW BOAMAH". UKGCC. Archived from the original on 27 April 2019. Retrieved 5 February 2020.
  5. 5.0 5.1 5.2 5.3 5.4 "Hon. Patrick Yaw Boamah". Okaikwei North Municipal Assembly. Archived from the original on 6 February 2020. Retrieved 6 February 2020.