Jump to content

Oti Asubɔnten (River)

Ɛfi Wikipedia
Oti Asubɔnten
asubɔntene
mouth of the watercourseLake Volta Sesa
tributarySingou, Arli, Kara Asubɔnten Sesa
ƆmanBenin, Burkina Faso, Ghana, Togo Sesa
coordinate location8°27′42″N 0°5′1″E, 10°39′8″N 1°28′51″E, 8°20′40″N 0°14′2″E Sesa
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Oti Asubɔnten anaa Pendjari Asubɔnten yɛ amanaman ntam asubɔnten a ɛwɔ Afrika Atɔe fam. Ɛforo kɔ Benin ɛyɛ Benin ne Burkina Faso hye. Ɛsen fa Togo na ɛka Volta Asubɔnten ho wɔ Ghana.

Asase ho Nsɛm

[sesa]

Oti Asubɔnten no bɛyɛ kilomita 520 (323) na ɛwɔ hɔ mi) tenten. Asubɔnten ne ti wɔ Benin ne Burkina Faso na ɛsen fa Benin ne Togo na a bɔ Volta Asubɔnten no mɔ wɔ Ghana. Asubɔnten a ɛwɔ benkum fam mpoano wɔ Togo no fi Togo Mmepɔ a ɛwɔ anafo fam no. N’apuei fam asubɔnten no mu baako ne Asubɔnten Kara, na ne nhyia mu no wɔ Ghana ne Togo hye so, baabi a asubɔnten foforo bi fi anafo fam, Asubɔnten Koumongou ka bom. Kan no na Oti ano wɔ Volta Asubɔnten no so, nanso seesei ɛsen Ɔtare Volta atare mu wɔ Ghana.[1]

Asubɔnten no twa mu wɔ Togo atifi fam wɔ bon bi a serɛ ayɛ so ma mu bɛyɛ 40 or 50 km (25 anaa 31 mi) trɛw. Wɔ asubɔnten no ano no, gallery kwae a nsu yiri fi hɔ bere ne bere mu wɔ hɔ. Ɔpɛ bere a ɛwɔ ha no fi bɛyɛ Ɔpɛpɔn kɔsi Ebɔ, na ɔpɛ mframa a ɛmu yɛ hyie yɛ kusuu fi atifi fam bɔ. Wɔ saa bere yi mu no, asubɔnten no mu nsuo sua koraa. Oti ne Koumongou nyinaa wɔ mmeae a nsuyiri tɔ, bɛyɛ kilomita du (10) ne enan (4) (6.2 ne 2.5 mi) trɛw sɛnea ɛte biara. Eyinom yiri pii wɔ osutɔ bere mu, nanso wɔ ɔpɛ bere mu no, ɛbɛyɛ asasetaw a ɛso yɛ kusuu na mfutuma wɔ hɔ, na ɛtɔ mmere bi a ɔtadie no kɔ fam, nnantwi didi wɔ mmeae a nsuyiri tɔ wɔ ɔpɛ bere mu. Nnuadewa nketenkete bi nso wɔ hɔ a wodua, na wɔyɛ mmoa a wɔkyere mmoa we wɔ hɔ.[2]

Amanaman ntam ahye

[sesa]

Asubɔnten no yɛ amanaman ntam ahye a ɛda Ghana, Burkina Faso, Togo ne Benin ntam no fa.[3]

Mmoa Yɛmmea

[sesa]

Oti Asubɔnten no sen fa Pendjari Ɔman Mmoa Yɛmmea a ɛwɔ Benin [4] ne Oti-Kéran Ɔman Mmoa Yɛmmea a ɛwɔ Togo no mu.[5]

Nsɛm a wɔde gyinaa so

[sesa]
  1. Philip's (1994). Atlas of the World. Reed International. p. 101. ISBN 0-540-05831-9.
  2. Hughes, R.H. (1992). A Directory of African Wetlands. IUCN. pp. 443–447. ISBN 978-2-88032-949-5.
  3. "Ghana - Rivers and Lakes". www.countrystudies.us. Retrieved 2017-08-17.
  4. "Parc National de la Pendjari". Archived from the original on 14 July 2017. Retrieved 21 November 2016.
  5. Hughes, R.H. (1992). A Directory of African Wetlands. IUCN. pp. 443–447. ISBN 978-2-88032-949-5.