Jump to content

Nketenkete

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nketenkete (benkum so) ne asikre a ɛwɔ mogya mu sɛnea ɛsɛ (nifa so) .

Nketenkete (brɔfo kasa mu, Hypoglycemia) yɛ tebea ɔba abere a asikyire (glucose) dodow a ɛwɔ wo mogya mu no sua sen nea nnipadua no hia no[1][2][3]. Mpɛn pii no, dodow no sua sen sɛnea ɛsɛ, na ɛba fam sen 70 mg/dL (3.9 mmol/L)[3]. Wɔde Whipple triad no di dwuma de hu sɛnea Nketenkete no te no yiye.

Ma wɔde hu[sesa]

Nketenkete betumi ama obi ti ayɛ no yaw, wabrɛ, wayɛ mmerɛw, ɔkasa mu ɔbere, adwene a ɛyɛ basaa, koma bɔ ntɛmntɛm, awerefiri, aho wosow, ehu, ɔkɔm, nhumu, anaa owu[3]. Mpɛn pii no, sɛnkyerɛnne ahorow no ba ntɛmntɛm.

Adze a ɛde ba[sesa]

Nea ɛtaa ma Nketenkete ba ne asikyireyare nnuru te sɛ insulin, sulfonylureas, ne biguanides. Asiane no yɛ kɛse wɔ asikreyarefo a wonnidi pii sen sɛnea wɔtaa di, wɔateɛteɛ wɔn apɔw mu, anaa wɔanom nsa no mu[2][3]. Nneɛma afoforo a ɛde Nketenkete ba ne yare a emu yɛ den, sepsis, asaabo a entumi nyɛ adwuma yiye, mberɛboɔ mu yare, hormone a enni nipadua mu, akisikuru te sɛ insulinomas anaa akisikuru a ɛnyɛ B nkwammoaa, mfomso a wɔde awo obi wɔ nipadua mu nneɛma a ɛsakra mu, ne nnuru pii[3].

Nketenkete bɛtumi aba mmofra a wɔawo wɔn foforo a wɔwɔ apɔwmuden so aber a wonnidi nnɔnhwerew kakraa bi no mu.

Nneɛma afofor a ɛde ba[sesa]

Nneɛma afofor a ebetumi ama obi anya Nketenkete nne;

  • Mmuadadi, sɛ́ ɛyɛ mmuadadi a wɔayɛ ho nhyehyɛe anaasɛ anadwo mmuadadi, efisɛ bere tenten bi wɔ hɔ a wɔamfa asikyire (glucose) nni dwuma sɛnea nnipadua no hia.
  • Apɔw-mu-teɛteɛ a ɛboroso nso betumi ama obi anya Nketenkete. Sianti ne sɛ wɔde asikyire(glucose) di dwuma kɛse sa aber no, titiriw denam ntini ahorow no so.
  • Nsã a wɔnom, titiriw bere a wɔde ka asikreyare nnuru ho no. Efisɛ nsa siw asikyire a ɛyɛ adwuma no ano.
  • Asaabo mu yare, efisɛ wontumi nyi yarduru (insulin) mfi mogya mu yiye.

Nsɔano[sesa]

Afir a wɔde hu insulin dodow a obi hia

Wɔnam aduan anaa anonne a asikyire wom a wodi so ma Nketenkete gyae, sɛ nhwɛso no, glucose aduru anaa gel, apɔw nsu, anonne a ɛyɛ dɛ, anaa lollies[4][5]. Ɛsɛ sɛ onipa no ani da hɔ na otumi mene ade. Botae no ne sɛ wobedi carbohydrate gram 10–20 na ama mogya mu asikyire (glucose) dodow akɔ soro, anyɛ yiye koraa no 70 mg/dL (3.9 mmol/L). Sɛ obi ntumi mfa n’ano ngye aduan a, glucagon a wɔde wɔ nipadua mu anaasɛ wɔde hyɛ ne mu betumi aboa.

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. Low Blood Glucose (Hypoglycemia) - NIDDK (in American English), retrieved 2024-06-18
  2. 2.0 2.1 Deanna Altomara, Mary Jo DiLonardo, Hypoglycemia (Low Blood Sugar) (in English), retrieved 2024-06-18
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 Low blood sugar (hypoglycaemia) (in English), 2017-10-19, retrieved 2024-06-18
  4. Best Candy for Low Blood Sugar (And Other Foods) | Signos (in English), retrieved 2024-06-18
  5. This Is What You Should Eat When Your Blood Sugar Is Low (in English), retrieved 2024-06-18