Nii Nortey Duah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Nii Nortey Duah (1 Ɔpɛpɔn 1953 - 21 Ɔpɛpɔn 2017) yɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo, dawurubɔfo ne nkitahodi ho ɔbenfo. Na ɔsan yɛ amanyɔni ne kan mmrahyɛbaguani ma Ledzokuku mantam a ɛwɔ Greater Accra Mantam mu wɔ Ghana .

Mfiase asetra ne adwuma[sesa]

Wɔwoo Duah afe 1953 na ɔfiri Teshie -Accra a ɛwɔ Greater Accra Mantam mu wɔ Ghana. Ɔsuaa adeɛ wɔ Ghana Suapɔn mu baabi a ɔnyaa Master of Arts abodin krataa wɔ Communication adesua mu wɔ afe 1989 mu. Ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Ghana Institute of Journalism .

Amanyɔsɛm[sesa]

Duah amammui adwuma hyɛɛ aseɛ wɔ afe 2004 mu berɛ a ɔsii akan maa Ledzokuku atenaeɛ no wɔ National Democratic Congress tekiti so nanso ɔhweree nkongua no maa Gladys Nortey Ashitey. Ɔsan sii akan wɔ afe 2008 mu na odii nkonim, na ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbagua a Ɛto so Anum no muni wɔ Fourth Republic of Ghana. Ɔdii nkonim wɔ Ledzokuku nkongua no so wɔ NDC tekiti so a ne nyinaa yɛ 42,087 wɔ abatoɔ 73,989 a ɛfata a wɔtoo no mu, na ɔnyaa ɔha mu nkyekyɛmu 56.9% wɔ 100% mu. Wɔ afe 2012 abatoɔ mu no, ɔhweree Ledzokuku nkongua no maa Benita Sena Okity-Duah .

Ankorankoro asetra[sesa]

Na Duah yɛ Kristoni a ɔne Presbyterian Asɔre a ɛwɔ Ghana som . Ɔwaree na ɔwɔ mma baanan.

Owuo[sesa]

Owui wɔ 37 Military ayaresabea wɔ 21 December 2017.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]