Nana Koduah Kwarteng

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Nana Koduah Kwarteng About this soundpronounciation of "Nana Koduah Kwarteng" Ghana amanyɔni, ɔyɛ Tano South abatoɔ mpɛsoa a ɛwɔ Bono ne Ahafo mantam no mmarahyɛbadwani a na ɔka mmarahyɛbadwakuo a ɛdi kan wɔ Ghana berɛ a ɛtɔ so nan a Ghana gye toom sɛ wɔde kabimamenkabi na ɛbɛbu ɔman no.[1]

Amanyɔsɛm.[sesa]

Yɛtoo aba yii Nana Koduah Kwarteng wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu Ghana abatoɔ mu a ɔgyina hɔ ma kyineɛ amanyɔkuo"National Democratic Congress" sɛ mmarahyɛbedwanii wɔ mmarahyɛbedwakuo a edikan wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana. Wɔ afe apem ahankron aduokron nsia Ghana abatoɔ mu no,ɔdii ntwo maa akonnwa no kɔtɔɔ Grace Boachie a ɛwɔ kyineɛ amanyɔkuo"National Democratic Congress" nan so. Ɔnyaa mma mpem dummiɛnsa, ahasa ne aduokron wɔ mma dodoɔ mpem aduonu nan, ahannwɔtwe ne aduoson nkron a wɔtoo no mu a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu aduasa nnwɔtwe akyirepɔn aduonum kyɛn ne sɔretiafoɔ Rex Ofori-Agyeman a ɛwɔ kyineɛ amanyɔkuo"New patroitic party"a ɔnyaa mma mpem nkron, ahanum ne aduosia nnwɔtwe a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu aduowɔtwe akyirepɔn aduonu. Godfred Kwaku Oppong a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo"Convention people's party" nyaa mma apem, ahanu ne aduosia nson a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu mmiɛnsa akyirepɔn aduonum, Osman Asante-Bonsu a ɔwɔ amanyɔkuo "National people's party" nyaa mma ahasa ne aduasa a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu baako ɛne Daniel Kofi-Nti a ɛwɔ "National Convention party" amanyɔkuo nso nyaa mma ahasa ne aduonu nan a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu baako.[2]

Nnwuma.[sesa]

Nana Koduah Kwarteng yɛ kane mmarahyɛbedwanii a ɔgyina hɔ ma Tano south mpɛsoa firi ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ nson afe apem ahankron aduokron mmienu de kɔsi ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson afe apem ahankron aduokron nson.

N'abrabɔ.[sesa]

Ɔyɛ okristoni.[3]

NNWOMA A MENYAA MMOA FIRII MU[sesa]

  1. Ghana Parliamentary Register 1992-1996.
  2. FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results - Tano South Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2021-02-22.
  3. Ghana Parliamentary Register 1992-1996.