Nana Bediako

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Nana Darreh Bediako yɛ obi a ne fa firi Ghana ne German a ɔsii akan wɔ bɔɔlɔbɔ mu. Wɔwɔɔ no Ɔsanaa da ɛtɔ so aduonu-num afe apem ahankron aduoson-nson (25/08/1977).[1]

N'abrabɔ[sesa]

Ɔhyɛɛ ne bɔɔlɔbɔ ase wɔ SC Vorwärts-Wacker 04 ɛna ɔfiri hɔ kɔɔ FC 08 Neureut wɔ afe 1998-99 akansie berɛ no mu. Wɔ afe baako akyiri no ɔkɔɔ FSV Mainz 05 akansiekuo a ɛtɔ so mmienu no mu. Wɔ mfie nnum akyire wɔ afe 2005 mu no ɔfirii hɔ kɔɔ kuo baako a ɛwɔ Mainz no mu. Ɔsii akan wɔ akansie nsia mu wɔ Bundesliga a ɛtɔ so mmienu no mu ɛna DFB Cup no nso ɔsii akan mprɛ mmiɛnsa. Wɔ 2005-06 akansie berɛ no, ɔkɔ sii akan maa FC Nöttingen a na sikabotene 150,000 euros na eda ne tiri so wɔ adwaman so. Ɔtenaa Nöttingen mfie nsia. Ɔkɔɔ TSV Pfaffenrot 20011-12 akansie berɛ no mu a ɛhɔ na ɔde n'akensie no hyinaa baa awieɛ.[2]

Ɛnnɛ yi no, Bediako boa bɔɔlɔbɔfoɔ a ɔrefiri aseɛ wɔ Abibirim Atɔeɛ ma wɔnya kwan kɔ amanone.[3] Ɔne n'abusua na ɛte wɔ Remchingen. Ne ba a ɔde Henrik Bediako nso si akan ma FC Nöttingen.[4]

N'akansie mmuabɔ[sesa]

Akansie Dodoɔ Atena Akansie berɛ
Mmuabɔ 281 75 18.382
Oberliga Südwest 86 39 6.111
Oberliga Ba-Wü 134 32 9101
Regional League South 52 4 2.827
2. Bundesliga 6 - 81
DFB-Pokal 3 - 262

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Nana Bediako - Spielerprofil | Transfermarkt, retrieved 2023-11-27
  2. Nana Bediako | TSV Pfaffenrot | ... | 2004/05 | Spielerprofil (in German), retrieved 2023-11-27
  3. Project Nketiah and Lamptey: Bediako on why dual nationals fear to play for Black Stars | Goal.com Cameroon (in English), 2020-11-19, retrieved 2023-11-27
  4. U23 überzeugt auch gegen Büchig, retrieved 2023-11-27