Nana Asante Frempong

Ɛfi Wikipedia
Nana Asante-Frimpong
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Kwabre East Mpɛsoa so
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
OdikanfoJohn Kufuor
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Kwabre East Mpɛsoa so
Bere
7 January 1997 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJohn Jerry Rawlings
Ne ho asɛm
Awo bereKwabre East, Ashanti Region Ghana)
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaAmanyɔni
N'adwumaBusinessman

Nana Asante Frempong yɛ ghana amanyɔni a ɔsoom wɔ mmrahyɛbadwafie firi afe mpem-mmienu ne baako (2001) de kɔ sii afe mpem-mmienu ne nson (2007). Na ɔka Ghana mmrahyɛbadwamu atenaseɛ a ɛtɔ so mmiensa no ho. Na Nana Asante Frempong yɛ mmrahyɛbadwani de ma Kwabere East mpɛsoa so a ɛwɔ Asante mantam mu wɔ Ghana.

Ne ho asɛm[sesa]

Wɔwoo Nana Asante Frempong wɔ Sakora Wonoo, kuro ketewa bi a ɛwɔ Kwabere Mpɛsoa so Asante mantam mu. Saa kuro ketewa yi mu na ɔhyɛɛ n'adesua ase. Wɔ mfie du mu no, wɔ ɛbrɛ a na ɔkɔ "Local Catholic Primary School", ɔfaa mfie mmiensa nsaanodwumausua wɔ kente nwene mu. Ɛnkɔsi sɛ na obɛwura Opoku Ware ntoasoɔ sukuu mu no na ɔyɛ ɔbenfo wɔ kente nwene mu.