Nana Ama Dokua Asiamah-Adjei

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon.
Nana Dokua Asiamah Adjei
MP ɛwɔ Akuapem North
Mprenpren
Bere
21 April 2021
OdikanfoCarlos Kingsley Ahenkorah
Deputy Minister of Trade and Industry
Mprenpren
Bere
March 2017
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
Ne ho asɛm
Awo bere24 July 1982 (1982-07-24) (age 41)
Wiamoase, Ashanti Region
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma3
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
St Roses Senior High
University of Exeter

Oheneba Nana Ama Dokua Asiamah-Adjei (wɔwoo no 24 Kitawonsa 1982) yɛ Ghana amanyɔni na ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Akropong Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Ghana Apuei fam mantam mu.[1] Ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) no muni a mprempren ɔyɛ Ghana ɔsoafoɔ abadiakyiri a ɔhwɛ Aguadi & Nnwumayɛbea so (deputy minister of Trade & Industry). Kan no na ɔyɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ Amanneɛbɔ so (Deputy Minister of Information).[2][3][4][5]

Adwuma[sesa]

Adjei yɛ Bekleen Limited kwankyerɛfoɔ panin (managing director) firi afe 2007 kosi afe 2016 ne Pongas Limited nso firi afe 2007 kosi afe 2015.[9]

Amanyɔsɛm[sesa]

Adjei yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) no muni.[10] Mprempren ɔyɛ Mmarahyɛbadwani ma Akropong Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Ghana Apuei Fam.[1][11]

N'asetra mu[sesa]

Adjei aware Charles Cromwell Nanabanyin Bissue na wɔwɔ ɔbabarima ne mmabea baanu.[8][15] Ɔda ne ho adi sɛ ɔyɛ Kristoni.[7]

Adɔeyɛ[sesa]

bosome Obubuo afe 2021 mu no, ɔde kɔmputa ne nneɛma a wɔde yɛ adwuma maa Mangoase Methodist Sukuu (Mangoase Methodist School) a ɛwɔ Akuapim Atifi Mmrahyɛbadwam mpɛsoa.[16]

bosome Kotonimma afe 2022 mu no, Adjei de sika GHc30,000 maeɛ sɛ wɔmfa nsi ahemfie kɛseɛ wɔ Adawso.[17] Wɔ bosome Kitawonsa afe 2022 mu no, ɔboaa ma wɔsiesiee Akropong Daakye Ayaresabea no (Akropong Daakye Clinic).[18]