Nana Ama Agyemang Asante

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Nana Ama Agyemang Asante yɛ Ghana nsɛm ho amanneɛbɔfo, samufo ne ɔkyerɛwfo. Efi afe 2012 besi nnɛ no wayɛ adwuma sɛ intanɛt so samufo abadiakyiri wɔ Citi FM wɛb portal citifmonline.com . Ɔsan nso bom yɛ “Citi Breakfast Show” wɔ radio dwumadibea a ɛwɔ Accra Citi FM, a ɔne Bernard Avle .

Asetra mu nsɛm[sesa]

Bere bi na Nana Ama Agyemang Asante yɛ ɔbea a wɔyɛ baguam ayayade sen biara wɔ Ghana. Sɛ́ nsɛm ho amanneɛbɔfo a ɔka amammuisɛm, ɔbarima ne ɔbea nna ne aguadi ho asɛm no, Nana Ama aka nokware akyerɛ tumidi na wabu aban ahorow ho akontaa mfe pii. Ɔde mmea ho adwene a wohia kɛse wɔ ɔman nsɛm ne akyinnyegye ahorow a ɛkɔ so wɔ radio so no ama. Ɛwom sɛ n’ani gye nea ɔyɛ ho de, nanso n’adwene a ɛkorɔn ne mmea ho adwene a ɔwɔ no ama wanya ayayade a ennyae na ama wayɛ mmea radio so ahwɛfo a wɔde wɔn ani asi wɔn so kɛse wɔ Ghana no mu biako . Ɛno nsiw no kwan sɛ ɔde n’asɛnka agua so bɛko ama wɔn a wɔhyɛ wɔn so no. Nana Ama yɛ yɔnko wɔ Reuters Institute of Journalism a ɛwɔ Oxford Sukuupɔn mu ne National Endowment for Democracy a ɛwɔ Washington DC. Nnansa yi ara n’adwuma ne Ghana Mmea Abenfoɔ adwuma a ɛhwɛɛ mmaa abenfoɔ dodoɔ a wɔbisabisaa wɔn nsɛm wɔ Ghana nsɛm ho amanneɛbɔ mu

Nwomasua[sesa]

Owiee ne ntoaso sukuu wɔ Cape Coast Sukuupɔn mu baabi a osuaa Asetra ne Sikasɛm ho ade.

Adwuma[sesa]

Nana Ama Agyemang Asante hyɛɛ ne nsɛm ho amanneɛbɔ adwuma ase wɔ afe 2006 mu sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo a ɔbɔ amanneɛ wɔ radio dwumadibea Joy FM . Efi afe 2011 kɔsi afe 2012 no ɔne Journalists for Human Rights (JHR), NGO a wɔde sii hɔ wɔ Canada, baabi a ɔyɛɛ ɔman kwankyerɛfoɔ maa Ghana yɛɛ adwuma.

M24, Afrika anigyedeɛ dwumadibea bi, bɔɔ Nana Ama Agyemang Asante din sɛ “Radio Personality of the Year” wɔ afe 2015 mu esiane mmɔden a ɔbɔe daa sɛ ɔbɛka nokware akyerɛ tumidi nti.

Wɔ afe 2017 mu no, National Endowment for Democracy (NED) maa no “Reagan-Fascell Democracy Fellowship”, na ɛmaa no kwan ma ɔdii asram pii wɔ Washington DC, USA de boaboaa amanneɛbɔ bi ano wɔ sɛdeɛ nsɛm ho amanneɛbɔfoɔ bɛtumi ama Ghana mmaa de ayɛ den nne ahorow a ɛwɔ baguam.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]