Mubarak Mohammed Muntaka

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Muntaka Mohammed Mubarak
MP
Member of Ghanaian Parliament for Asawase Constituency
Mprenpren
Bere
21 April 2005
OdikanfoDr. Gibril Adamu Mohammed
Minister for Youth and Sports
Bere
January 2009 – 25 June 2009
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoNana Akomea
AnanmusiniAbdul-Rashid Pelpuo
Ne ho asɛm
Awo bere
Muntaka

17 October 1970 (1970-10-17) (age 53)
Ne man Ghana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
NehokaniMeimuna Ezideen Abdul Wahab
RelationsRas Mubarak (nephew)
Mma5 children
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology
N'adwumaDevelopment Planner / Quantity Surveyor
N'adwumaTeacher
CommitteesHouse Committee, Appointments Committee, Health Committee, Mines and Energy Committee, Committee for Selection Committee

Alhaji Mohammed Muntaka yɛ mmarahyɛ beguani a ogyina hɔ ma Asawasefo wɔ Asante Mantam wɔ Ghana. ɔyɛ Kane soafo a ɔhwɛ Mmabun ne Agodie asoeɛ so wɔ Ghana aban mu.

Ne mmɔfrase[sesa]

Wɔwoo Muntaka wɔ Akuse a ɛwɔ Apuei Mantan mu wɔ Ghana. Nawofo fi Kumbungu, kurow bi a ɛwɔ Atifi mantam mu wɔ Ghana. oyɛ kane ɔkyerɛkyerɛfo.

Amanyɔsɛm ho nsɛm[sesa]

Muntaka dii kan wuraa Ghana Mmarahyɛ begua mu wɔ amanyɔkuo National Democratic Congress din mu wɔ afe 2005 bre a odii nkonim wɔ abatoo a wɔto di yii owufo okunini Gibrine ananmusifo wɔ Asawase. Muntaka nyaa mma no mu 11,142, na nea obedii n'adeɛ a ɔno nso gyinaa wɔ amanyokuo NDC din mo no de mma no mu 4,474 na edii nkonim wɔ afe 2004. Adwumakuo bi a wɔhwɛ abatoɔ so a wɔn din de The Ghana Center for Democratic Development de too dwa sɛ, abatoɔ no yɛ ade a emu da hɔ fan nanso, na ehu wɔ mu. Odii nkonim wɔ a aba wɔtoo no bosome a etwa toɔ, afe 2008 mu ma no bɛyɛɛ mmarahyɛ beguani. ɔsan nso dii nkonim wɔ afe 2012 abatoo no mu. Alhaji Mubarak bɛyɛɛ mmarahyɛ bagua no mu mpanyinfo no mu baako wɔ John Mahama amanbuo no mu. ɔyɛ Kane soafo a ɔhwɛ Mmabun ne Agodie asoeɛ so wɔ Ghana aban mu

Soboɔ[sesa]

Kane manpanyin John Evans Atta Mills maa Muntaka de n'adwuma too hɔ sɛ ɔsoafo a ɔhwɛ Mmabun ne Agodie asoeɛ so, senea wobetumi ayɛ nwhehwemu afa keteasehye ne prowee soboɔ a wɔde abɔ no. Bere a ekuo a wɛyɛɛ nwehwɛmu no de wɔn nwhehwɛmu no mu nsɛm too dwa no, Muntaka de n'adwuma too hɔ korakora.