Mohammed Seidu Abah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Mohammed Seidu Abah
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Chereponi
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Ne manGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaAmanyɔni

Mohammed Seidu AbahGhana amanyɔni na na ɔyɛ mmrahyɛbadwani ma Chereponi mantam a ɛwɔ Ghana Atifi fam mantam mu . Na ɔyɛ mmrahyɛbadwani wɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Abah yɛ Ɔman Demokrasi mmrahyɛbagua no muni . Wɔpaw no sɛ mmrahyɛbadwani maa Chereponi mantam a ɛwɔ Atifi fam mantam mu wɔ mmrahyɛbagua a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mu. Doris A. Seidu na odii n'ade wɔ afe 2004 Ghana Amansan abatow mu .

Wɔpaw Abah sɛ mmrahyɛbadwani maa Chereponi mantam no wɔ afe 2000 Ghana amansan abatow no mu . Wɔpaw no wɔ National Democratic Congress tekiti so.[1] Na ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 18 no fa wɔ nkongua 23 a National Democratic Congress dii wɔ saa abatow no mu maa Atifi Fam Mantam no mu. National Democratic Congress dii nkonim kakraa bi a ne nyinaa yɛ mmrahyɛbagua nkongua 92 wɔ nkongua 200 a ɛwɔ mmrahyɛbagua a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛwɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mu. Wɔde abatow 6,270 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 14,908 mu. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 44.6% yɛ pɛ.[2] Wɔpaw no sen Bawah Mamshie Ali a ofi Ɔmanfo Ɔman Nhyiam no mu, Jabanyit K. Lanzari a ofi Nhyiam Nnipa Kuw no mu ne Abubakar S. Malba a ofi New Patriotitc Kuw no mu. Eyinom nyaa abatow 3,879, 2,504, 965, ne 453 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne abatow a ɛfata a wɔtowee nyinaa mu 27.6%, 17.8%, 6.9% ne 3.2% yɛ pɛ.[2]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Electoral Commission of Ghana Parliamentary Result-Election 2000. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2007. p. 16.
  2. 2.0 2.1 Electoral Commission of Ghana -Parliamentary Result-Election 2000. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2007. p. 40.