Mohammed Habibu Tijani

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Mohammed Habibu Tijani na na ɔyɛ mmarahyɛbadwamuni ma Yendi Mantam ɛwɔ Ghana Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson mu. Ɔgyinaa Yendi Mantam a ɛwɔ Atifi Mantam no ananmu wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[1]

Mohammad Habibu Tijani
Member of the Ghana Parliament
for Yendi Constituency
Bere
7 January 2013 – 7 January 2021
OdikanfoSulemana Ibn Iddrisu, Jnr
AnanmusiniFarouk Aliu Mahama
Ne ho asɛm
Awo bereFebruary 16, 1965 (1965-02-16) (age 59)
Yendi, Northern Region
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔ
N'adwumaTeacher

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Tijani wɔ 16 Ɔpɛpɔn 1965. Ɔfiri Yendi a ɛwɔ Ghana Atifi Fam Mantam mu. Ɔkɔɔ Ghana College, seesei Ghana Senior High School(GHANASCO), Tamale. Ɔnyaa ne Teachers’ Certificate ‘A’ wɔ afe 1989 mu wɔ Bagabaga Training College. Akyiri yi ɔkɔɔ Ghana Suapɔn mu baabi a ɔnyaa ne Bachelor of Arts (BA) abodin krataa wɔ Nyamesom Adesua mu a ɔde nidi a ɛdi kan wɔ afe 2000. Ɔwɔ master’s degree wɔ Aban ne Akannifoɔ mu wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration ( GIMPA) ne post graduate diploma wɔ nwomasua mu a ɔnyaa wɔ afe 2016 mu wɔ Valley View University, Oyibi.[2][3]

Adwumayɛ[sesa]

Tijani yɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ n’adwuma mu. Na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ ma Yendi Senior High School 1995 kɔsi 1997. na ɔsan nso yɛɛ ɔkwankyerɛfoɔ boafoɔ a ɔhwɛ Monitoring and Supervision so ma Central Gonja District Office of the Ghana Education Service firi afe 2009 kɔsi 2013.[4] Ɔsan yɛ Islam Ɔsɔfo.Habib Tijani yɛ Municipal Chief Executive ma Yendi firi afe 2001 kɔsi afe 2009.[5]

Amanyɔsɛm[sesa]

Tijani yɛɛ kuropɔn no mu adwumayɛfoɔ panin maa Yendi firi afe 2001 kɔsi afe 2009. Ɔkɔɔ mmarahyɛ bagua mu wɔ 7 Ɔbɛnem 2013 wɔ New Patriotic Party tekiti so. Wɔsan paw no wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu sɛ ɔmmɛgyina Yendi Mantam no ananmu mma mmarahyɛ bagua no afe a ɛtɔ so mmienu. Wɔ afe 2017 mu no, wɔpaw no sɛ ɔmanpanyin abadiakyiri a ɔhwɛ Amannɔne Nsɛm so.[5]Bere a na ɔwɔ mmarahyɛ bagua no mu no, ɔyɛɛ Mmarahyɛ Bagua no Adwumayɛ ne Adan ne Adwumayɛ ne Ofie Boayikuw ahorow no muni. Waboa wɔn a wɔpaw no no wɔ akwan pii so, a nea ɛka ho ne nnwuma a edidi so yi a waboa: Yendi Akwahosan Ho Nyansahu Sukuu a wɔde besi hɔ wɔ Yendi Ɛnanom ne Mmofra Akwahosan Ho Asoɛe a Wɔbɛkyekye wɔ Yendi Wɔreyɛ 37 units 3 Classroom Blocks wɔ Yendi Wɔresisi adan 13 a ɛyɛ Adesuadan 6 wɔ Yendi Kuropɔn mu CHPS Compounds 13 a wɔresi wɔ Yendi Municipality mu .

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Ɔwaree na ɔwɔ mma baanan. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Nkramofo.[6]

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. MPs (in American English), retrieved 2023-10-04
  2. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-04
  3. MPs (in American English), retrieved 2023-10-04
  4. MPs (in American English), retrieved 2023-10-04
  5. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-04
  6. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-04