Mohammed Adams Sukparu

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon.
Mohammed Adams Sukparu
Member of Parliament for
Sissala West Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2021
Ne ho asɛm
Ne manGhanaian
Sukuu a w'akɔUniversity of Professional Studies

Mohammed Adams Sukparu (wɔwoo no 6 Ɔpɛpɔn 1985) yɛ Ghana amanyɔni a ɔyɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwani (National Democratic Congress).[1] Ɔyɛ Mmarahyɛbadwani ma Sissala Atɔeɛ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Atifi Atɔeɛ Mantam mu.[2][3][4]

Ne mmofraase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Sukparu wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nsia (6) 1985, ofiri Bouti a ɛwɔ Sissala Atɔeɛ Mansin mu wɔ Atifi Atɔeɛ Mantam wɔ Ghana.[2] Ɔkɔɔ Suapɔn a ɛhwɛ Adwumayɛfoɔ Adesua so Accra (UPSA). Na ɔyɛ asuafoɔ kannifoɔ na ɔyɛɛ Ankorankoro Suapɔn Asuafoɔ Fekuo a ɛwɔ Ghana (Private Universities Students’ Association of Ghana - PUSAG) titrani (president).[5] Wɔ ne bere a na ɔyɛ PUSAG Titenani no, ɔde ahoɔden ne nsɛm pii baa asuafoɔ anim.[6][7][8] Ɔsan nso yɛɛ Ghana ananmusifoɔ wɔ Afrika Nyinaa Asuafoɔ Kuo (All-Africa Students Union - ASSU) mu.[9]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mmarahyɛbadwani[sesa]

Sukparu hyɛɛ akansi a ɛfa mmarahyɛbadwani no ho wɔ NDC primaries wɔ Sissala Atɔeɛ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ansa na afe 2020 abatoɔ no reba. Sukparu dii nkonim wɔ mmarahyɛ badwa no mu sɛ ɔbegyina Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress) ananmu ama Mmrahyɛbadwam mpɛsoa no ansa na afe 2020 abatow no aba wɔ bosome Ɔsanaa afe 2019 mu bere a onyaa abatow 345 de dii n’asɔretiafo afoforo baanu Mumuni Hakeem Duwiejuah ne Mary Hagbana Abu a wonyaa amba ɔha aduonu aduasa anum (235) ne amba aduasa anum (35) no so nkonim.[10]

bosome Ɔpɛnimma afe 2020 mu no, Sukparu dii nkonim maa Sissala Atɔeɛ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa wɔ mmarahyɛ badwa abatoɔ mu akyi a ɔtoo aba 17,731 a egyina hɔ ma 52.54% tiaa nea ɔsɔre tia no paa, Naliwie Baluwie Salifu a ofiri Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party), a na anka ɔyɛ Ɔmantam no sohwɛfo panyin (District Chief Executive) ma Sissala Atɔeɛ Mansin (Sissala West District), a na ɔwɔ 13,994 abatow a egyina hɔ ma 43.87%.[10]

Ntotoho[sesa]

  1. "We Need Motorbikes, Not Cars To Vote NPP Out – Mo Sukparu". Modern Ghana (in English). Retrieved 2021-01-28.
  2. 2.0 2.1 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2021-05-21.
  3. "Pulima paramount chief congratulates Mohammed Adams Sukparu and Amidu Issahaku Chinnia for winning Sisala East and West". Modern Ghana (in English). Retrieved 2021-01-28.
  4. Boakye, Edna Agnes (2021-05-21). "Sissala West MP laments exclusion of Sissala areas from EU-funded road projects". Citinewsroom - Comprehensive News in Ghana (in American English). Retrieved 2021-05-21.
  5. Bondaana2 (2021-04-21). "Private Universities Students Association of Ghana PUSAG". Techgh.net (in American English). Archived from the original on 2021-04-27. Retrieved 2021-04-27.
  6. "Elect Leaders With Integrity - PUSAG". Modern Ghana (in English). Retrieved 2021-01-28.
  7. "Gov't initiates programme to foster interaction with tertiary schools". www.ghanaweb.com (in English). 2015-03-24. Retrieved 2021-01-28.
  8. Online, Peace FM. "PUSAG Salutes 12 Labour Unions For Calling Off Strike". Peacefmonline.com - Ghana news. Retrieved 2021-01-28.
  9. "NUGS Elect Mohammed Sukparu As Ghana's Rep To ASSU". Modern Ghana (in English). Retrieved 2021-01-28.
  10. 10.0 10.1 "Full list of winners and losers at NDC parliamentary primaries". Citinewsroom - Comprehensive News in Ghana (in American English). 2019-08-26. Retrieved 2021-01-28.