Michel Kafando

Ɛfi Wikipedia
Michel Kafando
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipBurkina Faso Sesa
name in native languageMichel Kafando Sesa
given nameMichel Sesa
family nameKafando Sesa
date of birth18 Ɔsanaa 1942 Sesa
place of birthOuagadougou Sesa
native languageMooré Sesa
languages spoken, written or signedFrench Sesa
occupationAmanyɔni, diplomat Sesa
position heldPresident of Burkina Faso, President of Burkina Faso, Minister of Foreign Affairs of Burkina Faso Sesa
educated atSciences Po, University of Bordeaux Sesa
academic degreeDoktor Nauk in Political Science Sesa
member of political partyindependent politician Sesa
award receivedThe National Order of Burkina Faso Sesa

Michel Kafando (wɔwoo no 18 Ɔbɛnem 1942) yɛ Burkinabé ɔmanpanyin a ɔyɛɛ Burkina Faso ɔmanpanyin a ɔyɛ nsakraeɛ firi afe 2014[1] kɔsi afe 2015. Ɔsomm wɔ aban mu sɛ Amannɔne Nsɛm ho Ɔsoafoɔ firi afe 1982 kɔsi afe 1983 na na ɔyɛ Daa Ɔnanmusifoɔ (Ɔnanmusifoɔ ) a ɛfiri Burkina Faso de kɔmaa Amanaman Nkabom no firi afe 1998 kɔsi afe 2011.[2]

Wɔ Ɔmampanyin Blaise Compaoré a ɔgyaee adwuma wɔ ɔsɔretia a ɛkɔɔ so wɔ 31 Ɔkɔtɔberɛ 2014 akyi no, wɔpaw Kafando sɛ ɔnsom sɛ Ɔmampanyin wɔ afe baako nsakraeɛ berɛ a ɛde abatoɔ a ɛdi hɔ no bɛba no mu. Wɔkaa ntam wɔ 18 Ɔbɛnem 2014.

Kafando, Regiment of Presidential Security tuu no bere tiaa bi wɔ September 2015 atuatew mu, nanso wɔsan de no baa tumidi mu wɔ dapɛn biako mu.

Akyi asɛm[sesa]

Wɔwoo Michel Kafando wɔ Ɔbɛnem 18, 1942 wɔ Ouagadougou. Efi 1956 kosi 1963 no ɔkɔɔ Jean-Baptiste de la Salle College, faako a onyaa ne ntoaso sukuu ne ne bachelor’s degree wɔ nyansahu mu nyinaa.[3] Onyaa ɔman mmara mu abodin krataa wɔ Bordeaux Sukuupɔn mu wɔ 1969 mu, amammuisɛm ho abodin krataa wɔ 1972 mu wɔ Paris ne abodin krataa foforo wɔ Graduate Institute of International Studies a ɛwɔ Geneva nso wɔ 1972. Akyiri yi onyaa PhD wɔ amammuisɛm mu wɔ the Sorbonne wɔ afe 1990. Ɔwaree Marie Kafando na ɔwɔ abofra baako.[4][5]

Aban ntam nkitahodi adwuma[sesa]

Michel Kafando yɛ Amannɔne Nsɛm Ho Ɔsoafo wɔ Upper Volta (sɛnea na wɔfrɛ Burkina Faso saa bere no) fi 1982 kosi 1983, na ɔbɛyɛɛ aban mpanyimfo kuw no muni koro pɛ a ɔkoraa n’adwuma so wɔ November 1982 atuatew a Ɔsahene Jean-Baptiste Ouédraogo yɛe no akyi. Ɔsan nso yɛ Amanaman Nkabom Bagua Kɛse no Titenani Abadiakyiri wɔ afe 1982. Ɔdii ananmusifoɔ bebree anim wɔ Afrika Biakoyɛ Ahyehyɛdeɛ (OAU) mu na na ɔyɛ Afrika Asoɛeɛ a Ɛhwɛ Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia So (NGO) no Titenani Abadiakyiri.

Ɔyɛɛ Upper Volta Daa Anamusini wɔ UN ne ne Ɔnanmusifo wɔ Cuba ansa na wɔrepaw no sɛ Daa Anamusini wɔ UN ne mprenu so; ɔde ne adansedi nkrataa maa Amanaman Nkabom no Ɔkyerɛwfo Panyin, Kofi Annan, wɔ 15 April 1998.[5]

Kafando yɛ Amanaman Nkabom Ahobammɔ Bagua no Titenani wɔ September 2008[6] ne December 2009.[7]

Wɔ 5 May 2017 no, wɔpaw Michel Kafando sɛ Amanaman Nkabom no Ɔkyerɛwfo Panyin no Ɔnanmusifo Titiriw. Sɛ́ Ɔnanmusifo Titiriw no ɔde ne ho bɛhyɛ asomdwoe a ɛbɛba Burundi ne amammuisɛm mu nkɔmmɔbɔ a ɛbɛba wɔ Africa Apuei Fam Aman Nkabom no mu.[8]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. http://burkina24.com/2014/11/17/michel-kafando-president-de-la-transition/
  2. https://www.un.org/News/Press/docs/1998/19980415.BIO3152.html
  3. http://lefaso.net/spip.php?article61826
  4. https://www.un.org/News/Press/docs/1998/19980415.BIO3152.html
  5. 5.0 5.1 https://burkina24.com/2014/12/18/lepouse-du-president-kafando-se-positionne-contre-les-violences-faites-aux-femmes/
  6. https://www.un.org/News/briefings/docs/2008/080903_Kafando.doc.htm
  7. https://www.un.org/press/en/2009/sc9802.doc.htm
  8. https://www.un.org/press/en/2017/sga1729.doc.htm