Mercy Amua-Quarshie

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Mercy Amua-Quarshie
nnipa
sex or genderfemale Sesa
occupationgynaecologist Sesa

Mercy Amua-Quarshie Ghanani a ɔgye awoɔ sane hwɛ mma awodeɛ mu yareɛ wɔ Dallas, Texas. Ɔnyaa Barlex Labs Abasobɔdeɛ wɔ OBGYN nkyerɛkyerɛ beaɛ wɔ berɛ ɔrebɛwiee ne OBGYN wɔ Boston Medical Centre/Boston suapɔn.[1][2]

Abrabɔ ahyɛaseɛ[sesa]

Wɔwoo no Ghana, abibirem atɔeɛ, nanso ɔnyinii wɔ New York, ɔhɔ na ɔnyaa ne medical degree firii New York University School of Medicine wɔ afe apem ahankron ne aduokron num ɛno akyire na ɔkɔɔ Boston Medical Center/Boston University kɔsuaa residency wɔ OBGYN mu.[3]

Nnwomasua ne nnwuma[sesa]

Amua-Quarshie wiee Master of Public Health wɔ Columbia Suapɔn a ɛwɔ New York wɔ afe apem ahankron ne aduokron baako mu. Ɔwiee suapɔn wɔ New York University School of Medicine wɔ afe apem ahankron ne aduokron num na ɔkɔɔ Boston Medical Center/Boston University ma OBGYN residency adesua wɔ afe apem ahankron ne aduokron nkron. Wɔtoo ne din sɛ ɔno na wayɛ adeɛ wɔ OBGYN nkyerɛkyerɛ mu ɛna ɔnyaa Berlex Labs abasobɔdeɛ wɔ ne berɛ ana ɔwɔ hɔ no. Ɔsane baa New York punpuni mantam berɛ a Ɔwiee ne nteteeɛ wɔ afe apem ahankron ne aduokron nkron mu, a na ɔyɛ adwuma wɔ ayaresabea ne ankorankorɛ adwumakuo mu. [4] Ɛno akyire no ɔne n'abusuafoɔ kɔɔ anaafoɔ, Dallas Fort Worth mantam, ɔhɔ na ɔyɛɛ adwuma sɛ OBGYN physician wɔ ayaresabea mu beyɛ mfeɛ pii wɔ Methodist ayaresabea. Ɔyɛ obi a wako adarem wɔ mmaa awoɔtwaa mu wɔ North American Menopause Society (NAMS).

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.dekalbwomen.com/meet-the-providers/dr-mercy-amua-quarshie/
  2. https://www.sharecare.com/doctor/dr-mercy-i-amua-quarshie
  3. https://www.md.com/doctor/mercy-amua-quarshie-md
  4. HealthCare4PPL. "Dr. Mercy I Amua Quarshie - Obstetrics / Gynecology, Milford DE". www.healthcare4ppl.com. Retrieved 2022-03-13.