Masawud Mohammed

Ɛfi Wikipedia
Masawud Mohammed
Member of the Ghana Parliament
for Pru West
Bere
7 January 2017 – 6 January 2021
AnanmusiniStephen Jalulah
Ne ho asɛm
Awo bere1 April 1971 (1971-04-01) (age 53)
Prang, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔUniversity of Cape Coast
N'adwumaPolitician
N'adwumaTeacher

Masawud Mohammed (wɔwoo no Oforisuo da a ɛdi kan, afe Apem, Ahankron ne aduɔson-baako- 1971) yɛ Ghana amantɔni na na ɔyɛ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson no mu ni a ɔgyinaa Pru Atɔeɛ Mansini no ananmu wɔ kane Bono-Ahafo Mantam mu wɔ National Democratic Congress tekiti so. [1][2]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Mohammed wɔ Oforisuo da a ɛdi kan, afe Apem Ahankron ne Aduɔson-baako (1971) wɔ Prang a ɛwɔ Brong-Ahafo Mantam no mu. Ɔkɔɔ Cape Coast Sukuupɔn ; na owiee sukuu no nyaa bachelor's degree ne (master's degree); mmienu no nyinaa wɔ Nwomasua mu.[3]

Adwumayɛ[sesa]

Na Mohammed yɛ mmarahyɛbadwani a ɔhwɛ Pru Atɔeɛ abatoɔ mpɛsoa no so. Ansa na yei reba no, na ɔyɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ Atebubu College of Education . Afei, ɔsan nso ɔsom sɛ Pru mansini no krakye.[4]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔdii kan bɛyɛɛ mmarahyɛbadwa no mu ni wɔ mpem mmienu ne du-mmeɛnsa (2013) mu. Saa brɛ no mu no, ɔgyinaa Pru Atɔeɛ abatoɔ mpɛsoa no ananmu. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nsia (2016) mu no, ɔsan sii akan wɔ atenaeɛ no ho wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-nsia (2016 )amansan abatoɔ no mu na ɔdii nkonim. Ɔnyaa mma no nyinaa mu mpem-du, aha-nson ne aduanan(10,740 )a ɛgyina hɔ ma mma a wɔtoeɛ nyinaa mu ɔha nkyekyem Aduanan-Mmienu ne akyiri pɔ aduosia-nsia(49.66% )na ɛno nti ɔdii akansifoɔ afoforɔ a Stephen Pambiin Jalulah, Eric Kwabena Asamoah ne Akurugu Zakarai Atiah ka ho no so nkonim.[5][6]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Mohammed yɛ Nkramofo. Ɔwaree na ɔwɔ mma baanan.[7]

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-02
  2. MPs (in American English), retrieved 2023-10-02
  3. MPs (in American English), retrieved 2023-10-02
  4. MPs (in American English), retrieved 2023-10-02
  5. MPs (in American English), retrieved 2023-10-02
  6. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2016 Results - Pru West Constituency, retrieved 2023-10-02
  7. MPs (in American English), retrieved 2023-10-02