Martin Kwaku Adjei-Mensah Korsah

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon.
Martin Kwaku Adjei-Mensah Korsah
MP
Member of Parliament for Techiman South Constituency, Deputy Minister for Local Government, Decentralization and Rural Development
Mprenpren
Bere
7 January 2021
Ne ho asɛm
Awo bere
Martin Kwaku Adjei-Mensah Korsah

12 April 1978 (1978-04-12) (age 46)
Techiman, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaPolitician
N'adwumaBasic school coordinator
CommitteesHouse committee; Foreign Affairs Committee

Martin Kwaku Adjei-Mensah KorsahGhana amanyɔni ne Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so awɔtwe (8) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni a ogyina Techiman Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Bono Apueɛ Mantam mu wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) no tekiti so.[1][2][3] Mprempren ɔyɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ Mpɔtam Aban, Decentralization ne Nkuraase Nkɔso so (Deputy Minister for Local Government, Decentralization and Rural Development).[4][5]

Ne mmofrase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Korsah wɔ Oforisuo bosome da ɛtɔ so aduonu mmienu (12) afe 1978 na ofiri TechimanBono Apueɛ Mantam mu. Owiee ne SSSCE wɔ afe 1998 mu baabi a osuaa Aban, Abakɔsɛm ne Kristofo Nyamesom Adesua (Government, History and Christian Religious Studies). Onyaa ne Bachelors abodin krataa wɔ Amanyɔsɛm mu (Bachelors of Arts in Political Science) wɔ afe 2005 mu wɔ Ghana Suapɔn mu (University of Ghana), ne ne master’s abodin krataa wɔ Amanyɔsɛm ne Amanaman Ntam Abusuabɔ mu (master's degree in Politics and International Relations) wɔ afe 2007 mu.

Adwuma[sesa]

Na Korsah yɛ GES sukuu mfitiaseɛ ntamgyinafoɔ (basic school coordinator). Na ɔsan yɛ Techiman Municipal Assembly no muni. Na ɔsan nso yɛ Abatow ne Nhwehwɛmu sohwɛfo ma Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (Director of Elections and Research for the New Patriotic Party).

Amanyɔsɛm mu adwuma[sesa]

Korsah yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (NPP) muni na mprempren ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Techiman Techiman Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoaBono Apueɛ Mantam. Wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔdii nkonim wɔ mmarahyɛbadwa akongua no mu a onyaa amba 49,682 a ɛyɛɛ 50.24% wɔ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu berɛ a NDC mmarahyɛ badwa mu ɔpɛfoɔ Christopher Beyere Baasongti nyaa amba 49,205 a ɛyɛɛ 49.76% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu.[6][7] Wɔpaw no sɛ ɔman Ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ Mpɔtam Aban, Decentralization ne Nkuraase Nkɔso so (Deputy Minister for Local Government, Decentralization and Rural Development).[8][9]

Boayikuw ahorow[sesa]

Korsah yɛ Aban no boayikuo no muni (member of the House committee) na ɔsan yɛ Amannɔne Nsɛm Boayikuo no muni (member of Foreign Affairs Committee).[10][11]

Ntotoho[sesa]

  1. Coverghana.com.gh (2021-10-04). "A glance of Martin Adjei-Mensah Korsah's achievements in a short period of tenure as MP". Coverghana.com.gh (in American English). Retrieved 2022-08-09.
  2. "Adjei-Mensah, Korsah Martin". Ghana MPS (in American English). Retrieved 2022-08-09.
  3. "NPP's new executives can lead the party to 'break the eight' - Adjei-Mensah Korsah - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). 2022-07-19. Retrieved 2022-08-09.
  4. Online, Peace FM. "40 New Ministers Sworn In". Peacefmonline.com - Ghana news. Retrieved 2022-08-09.
  5. "New minister of state, deputy ministers sworn into office". Graphic Online (in British English). Retrieved 2022-08-09.
  6. "Techiman South Summary - 2020 Elections". www.modernghana.com. Retrieved 2022-08-09.
  7. "BONO EAST REGION". Ghana News Agency (in American English). 2020-11-30. Retrieved 2022-08-09.
  8. Kpakpo, Jackson Odom (2021-06-11). "Adjei-Mensah Korsah, Three Others To Be Vetted Today". Wontumi Online (in American English). Retrieved 2022-08-09.
  9. "See the deputy minister nominees by President Akufo-Addo". Graphic Online (in British English). Retrieved 2022-08-09.
  10. "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2022-08-30.
  11. Ghana, ICT Dept. Office of Parliament. "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2022-08-30.