Mark Owen Woyongo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Mark Owen Woyongo
Member of the Ghana Parliament
for Navrongo Central
Bere
7 January 2013 – 2017
OdikanfoJoseph Kofi Adda
Ɛdɔm keseɛ2,464
Upper East Region Minister
Bere
2009–2014
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoAlhassan Samari
AnanmusiniEphraim Avea Nsoh
Minister for Defence
Bere
2013–2014
ƆmanpanyinJohn Dramani Mahama
OdikanfoJoseph Henry Smith
AnanmusiniBenjamin Kunbuor
Minister for the Interior
Bere
16 July 2014 – 7 January 2017
ƆmanpanyinJohn Dramani Mahama
OdikanfoKwesi Ahwoi
AnanmusiniAmbrose Dery
Ne ho asɛm
Awo bere1946/1947 (age 76–77)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress

Mark Owen Woyongo (wɔwoo no 9 June 1946) yɛ Ghana amanyɔni ne Ghana ɔsoafoɔ a ɔhwɛ ɔman no mu banbɔ nsɛm so ma Ghana hwɛ ɔman no mu banbɔ Dwumadibea. Na ɔsan yɛ mmarahyɛbadwani ma Navrongo Central mansini a ɛwɔ Ghana.

Woyongo dii kan gyinaa abatoɔ no so wɔ National Democratic Congress tekiti so wɔ afe 2008 Ghana mmarahyɛ badwa abatoɔ mu, ɔdii nkonim wɔ abatoɔ no mu a ɔnyaa 41.7% na ɔde dii Joseph Kofi Adda a ɔfiri New Patriotic Party no anim wɔ abatoɔ no mu no so nkunim, a ɔno nso nyaa mma no mu 1,130 (3.5%).[1] Nanso Ɔmampanyin Mills paw no sɛ Upper East mantam no soafoɔ wɔ n’aban mu wɔ afe 2009. Ɔmampanyin Mahama na ɔde no kɔɔ saa dibea yi mu wɔ Mills wuo akyi. Wɔ afe 2013 mu no, Ɔmampanyin Mahama na ɔyii no sɛ ɔnyɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Bammɔ so.[2]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Mark Owen Woyongo wɔ Ayɛwohomumɔ bosome no da a ɛtɔ so nkron wɔ afe 1946 mu wɔ Bolgatanga wɔ Upper East mantam no mu wɔ Ghana. Ɔkɔɔ Notre Dame Secondary School wɔ Navrongo wɔ afe 1966. Ɔwiee Diploma wɔ Journalism mu wɔ Ghana Institute of Journalism wɔ afe 1971. Wayɛ adwumayɛfoɔ adesua bebree wɔ Ghana ne amannɔne.[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mark Owen Woyongo yɛ Ɔmanfoɔ Nkitahodiɛ sohwɛfoɔ wɔ Upper East mantam no Administration so firi afe 1978 ne 1985. Wɔpaw no sɛ mantam Amanneɛbɔ sohwɛfoɔ, Upper East mantam no mu wɔ afe 1985. Wɔ afe 1994 mu no, wɔpaw no sɛ Ɔsomfoɔ Fotufoɔ a ɔhwɛ Amanneɛbɔ so wɔ Ghana High Commission wɔ London, United Kingdom, na ɛwɔ hɔ. Mark Woyongo yɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Upper East mantam no so firi afe 2009 – 2012.[4] ɔnyaa ne ti didii mu wɔ akwanhyia a ɛyɛ hu mu bere a ɔfiri NDC nhyiam a wɔyɛeɛ wɔ Upper East mantam mu no sane aba no.[5]

Ɔdii nkonim wɔ afe 2012 mmarahyɛ badwa abatoɔ no mu wɔ National Democratic Congress (NDC) tekiti so. Wɔ afe 2013 mu no, wɔpaw no sɛ Ɔman Bammɔ Soafoɔ na akyiri yi ɔyɛɛ Ɔman no mu Ɔsoafo wɔ bere a na ɔyɛ Upper East mantam no soafoɔ .[6]

Ankorankoro asetena[sesa]

Mark Woyongo aware na ɔwɔ mma mmienu.[7]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Parliamentary Results Navrongo-Central (Upper East), retrieved 2023-10-02
  2. Mahama appoints more ministers: Haruna for Trade | General News 2013-01-21, 2013-01-23, archived from the original on 2013-01-23, retrieved 2023-10-02
  3. Profile of Hon. Mark Owen Woyongo (in British English), retrieved 2023-10-02
  4. Profile of Hon. Mark Owen Woyongo (in British English), retrieved 2023-10-02
  5. Mark Woyongo survives near fatal crash (in English), retrieved 2023-10-02
  6. Profile of Hon. Mark Owen Woyongo (in British English), retrieved 2023-10-02
  7. Profile of Hon. Mark Owen Woyongo (in British English), retrieved 2023-10-02