Linda Obenwaa Akweley Ocloo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Linda Obenewaa Akweley Ocloo
MP
Member of the Ghana Parliament
for Shai-Osudoku Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2017
OdikanfoDavid Tetteh Assumeng
Ɛdɔm keseɛ13,596[1]
ƆmanpanyinNana Akuffo-Addo
Ne ho asɛm
Awo bere
Linda Obenewaa Akweley Ocloo

21 February 1979 (1979-02-21) (age 45)
Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔNational Insurance College
N'adwumaEconomist/banker/insurer
N'adwumaPolitician

Linda Obenewaa Akweley Ocloo yɛ Ghana amannyɔni ne mmarahyɛbadwani a na ɔka mmarahyɛbadwa a Ɛtɔ so nson no mu nipa a ɔgyinaa Shai-Osudoku Mansin ananmu[2]Greater Accra Mantam mu wɔ National Democratic Congress tekiti so.[3]

Nwomasua[sesa]

Wɔ afe 2000 mu no, Linda nyaa ne Diploma wɔ Sikakorabea wɔ Cambridge Academy a ɛwɔ Accra ne Business Administration (BA) wɔ University of Cape Coast, Ghana. Ɔwɔ Insurance ho adansedie krataa a ɔnyaeɛ wɔ National Insurance College a ɛwɔ Airport Accra wɔ afe 2004 mu.[4]

Adwuma[sesa]

Linda Obenewaa Akweley Ocloo yɛ Sikasɛm ho ɔbenfoɔ, Sikakorabea ne Insurance wɔ n’adwuma mu.[5] Ɔsom sɛ Client Service Consultant wɔ Old Mutual Assurance, a kane no na wɔfrɛ no Provident Life Insurance.[5]

Ankorankoro asetra[sesa]

Ocloo yɛ okunafoɔ na ɔwɔ mma num. Ne kunu, Desmond William Ocloo, na ɔyɛ NDC mmarahyɛ bagua mu ɔkannifoɔ a ɔdi kan maa Shai-Osudoku mantam no nanso ɔwuiɛ ansa na wɔreyi no wɔ akwan so kar a ɛbɔeɛ wɔ Kɔtɔnimaa bosome no mu wɔ afe 2016. Afei amanyɔkuo no yii no sɛ ɔngyina ne kunu ananmu, na ɔno na ɔdii nkonim, abatoɔ no baa awieɛ no ɔnyaa mma no mu dodoɔ no ara a na ɛyɛ 13,596.[3]

Ɔyɛ Kristoni ( Mission of God Asɔre, Dodowa)[5]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Dublin, David. "Election Passport – Ghana". Election Passport. American University. Retrieved 16 October 2020.
  2. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-06
  3. 3.0 3.1 Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-02
  4. MPs (in American English), retrieved 2023-10-02
  5. 5.0 5.1 5.2 MPs (in American English), retrieved 2023-10-02