David Tetteh Assumeng

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

David Tetteh AssumengGhana amanyɔni. Ɔyɛ mmrahyɛbadwani ma Shai Osudoku Mansin firi 7 Ɔbɛnem 2005 kɔsi 6 Ɔbɛnem 2017.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Assumeng wɔ 10 Ɔpɛpɔn 1961. Ɔfiri Osudoku a ɛwɔ Greater Accra Mantam mu wɔ Ghana . Ɔnyaa ne Diploma wɔ Ghana Suapɔn mu wɔ afe 2004 mu na ɔnyaa ne Masters wɔ Aban ne Akannifoɔ mu (EMGL) wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration (GIMPA) wɔ afe 2008.

Adwuma[sesa]

Ansa na ɔrekɔ amammuisɛm mu no, na Assumeng yɛ Ɔman Mmabun Bagua a ɛwɔ Ada West District no Mmabun Ntamgyinafo .

Amanyɔsɛm[sesa]

Assumeng kɔɔ mmrahyɛbagua no mu wɔ 7 Ɔbɛnem 2005 wɔ National Democratic Congress a egyina Shai Osudoku Mansin ananmu no tekiti so . Ɔdii nkoguo wɔ NDC primaries mu wɔ afe 2015 mu na ɛno nti wantumi ansi akan wɔ atenaeɛ no ho wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu . N'ahennie wɔ mmrahyɛbagua mu no baa awieeɛ wɔ 6 Ɔbɛnem 2017.

Ankorankoro asetra[sesa]

Assumeng aware a ɔwɔ abofra. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni na ɔyɛ Presbyterian Asɔre a ɛwɔ Ghana no muni .

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]