Kwasi Boateng Adjei

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon.
Kwasi Boateng Adjei
Member of Parliament
for New Juaben North
Mprenpren
Bere
7 January 2017
OdikanfoHackman Owusu-Agyeman
Deputy Minister for Local Government (Ghana)
Bere
2017–2021
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
Ne ho asɛm
Awo bere
Kwasi Boateng Adjei

29 August 1954 (1954-08-29) (age 69)
Koforidua, Ghana
Ne manGhana Ghanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma3
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaAdministrator, Politician

Kwasi Boateng Adjei (wɔwoo no Ɔsanaa 29, 1954) yɛ Ghana amanyɔni[1][2] na ɔyɛ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4th) no Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7th) no muni a ogyina New Juaben Atifi Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Apueɛ Mantam mu wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party - NPP) tekiti so. Ɔyɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ Mpɔtam Aban ne Nkuraaseɛ Nkɔsoɔ so firi afe 2017 besi ɛnnɛ.[1][2]

Ne mmofrase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Adjei wɔ Ɔsanaa bosome da a ɛtɔ so aduonu nkron (29), afe 1954. Ofiri Asokore – New Juaben, kuro bi a ɛwɔ Ghana Apueɛ Mantam mu.[1][2] Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn mu na onyaa ne Nyansahu mu Bachelor abodin krataa wɔ adwumayɛ mu (Bachelor of Science degree in business administration) wɔ afe 1980 mu.[1][2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Adjei yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (NPP) no muni. Wɔ afe 2012 mu no, osii akan wɔ New Juaben Atifi nkongua no so wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (NPP) mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nsia (6) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no tekiti so na odii nkonim.[1][2]

Adwumafa[sesa]

  • Municipal Adwumayɛfo Panyin (MCE, Kotonimma afe 2001 – Ɔpɛpɔn afe 2009)[1][2]
  • Ɔpanyin (Managing Head) a ɔhwɛ adwuma so wɔ New Juaben Kɔlege a ɛhwɛ aguadi so (New Juaben College of Commerce), Koforidua[1][2]
  • Ɔpanyin (Manager), ɔhwɛfo (administrator), HR adwumayɛfo (HR practitioner)[1][2]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Adjei yɛ Kristoni (Methodist). Waware a ɔwɔ mma baasa (3).[1][2]

Ntotoho[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 1.5 1.6 1.7 1.8 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2023-05-26.
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 2.5 2.6 2.7 2.8 "Adjei, Kwasi Boateng". Ghana MPS (in American English). Retrieved 2023-05-26.