Kwame Twumasi Ampofo

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kwame Twumasi Ampofo (wɔwoo no 3 June 1968) yɛ Ghana amammuifoɔ na mprempren ɔyɛ Ghana Ɔmanpanin a ɛtɔ so nnan Mmarahyɛ Bagua a ɛtɔ so nson no muni na ɔyɛ Ghana Aman a ɛtɔ so nnan no Mmarahyɛ Bagua a ɛtɔ so nwɔtwe a ɔgyina Sene Atɔeɛ Mansin ananmu wɔ Bono Apueeɛ Mantam mu wɔ National Democratic Congress (NDC) tekiti so.[1][2]

Hon.
Kwame Twumasi Ampofo
MP
Member of Ghana Parliament for
Sene West
Mprenpren
Bere
7 January 2013
ƆmanpanyinJohn Dramani Mahama
Ne ho asɛm
Awo bere6 March 1968 (1968-03-06) (age 56)
Kwame Danso, Ghana)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔEssex County College
N'adwumaPolitician
N'adwumaHealth worker
CommitteesGovernment Assurance Committee; Works and Housing Committee

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Ampofo wɔ 6 Oforisuo 1968 wɔ Kwame Danso, kuro bi a ɛwɔ Bono Apueeɛ Mantam mu wɔ Ghana.[2] Ɔkɔɔ Essex County College, NJ, USA, afe 2005 na ɔmaa BSC wɔ Adwumayɛ mu.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ampofo yɛ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuw no muni.[3][4]

2012 Abatow mu[sesa]

Wɔdii kan paw no sɛ ɔmmra Mmarahyɛ Bagua no mu wɔ afe 2012 Ghana amansan abatoɔ no mu sɛ Mmarahyɛ Bagua no muni ma Sene Atɔeɛ Mantam a ɛwɔ Bono Apueeɛ Mantam mu wɔ Ghana. Wɔ abatow no mu no, onyaa abatow 12,511 wɔ abatow 19,504 a ɛfata a wɔtow a egyina hɔ ma ɔha biara mu nkyem 64.14 no mu.[5]

2016 Abatow mu[sesa]

Ɔsan sii akan wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu na ɔnyaa abatoɔ 10,229 a ɛyɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu ɔha mu nkyekyɛmu 51.86 bere a NPP mmarahyɛ baguani kandifo Joseph Mackay Kumah nyaa abatow 8,747 a ɔyɛɛ abatow a wɔtow nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 44.3, PPP mmarahyɛ baguani kandifo Dramani Manu nyaa abatow 565 a ɔyɛɛ abatow no nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 2.9 na CPP mmarahyɛ baguani kandifo Daniyawu Mohammed nyaa abatow 184 a ɛyɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu ɔha mu nkyekyɛmu 0.9.[6]

2020 Abatow mu[sesa]

Ɔsan sii akan wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu na ɔnyaa abatoɔ 13,116 berɛ a NPP mmarahyɛ baguani Joseph Markay Kuma nyaa abatoɔ 13,100.[7][8]

Boayikuw ahorow[sesa]

Ampofo yɛ Aban Awerɛhyem Boayikuw no muni; na ɔyɛ Adwumayɛ ne Adan Boayikuw no muni nso.[2]

Adwuma[sesa]

Ampofo yɛɛ adwuma sɛ adwumayɛfoɔ panin wɔ Premier Pharmaceuticals firi afe 2006 kɔsi afe 2012. Ɔsan nso yɛɛ adwuma sɛ adwuma sohwɛfoɔ boafoɔ wɔ Ghana Oil Premier Pharmaceuticals firi afe 2003 kɔsi afe 2006. Ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ ma Ghana Education Service firi afe 1993 kɔsi afe 1995.[2][9] Na ɔsan yɛ Nhomasua soafo Abadiakyiri.[9] Ɔyɛ mprempren mmarahyɛ baguani ma Sene West Constituency (efi afe 2012 de besi nnɛ).

Ankorankoro asetra[sesa]

Ɔwaree na ɔwɔ mma baasa. Ɔyɛ Kristoni na ɔyɛ Seventh-Day Adventist Asɔre no muni.[1]

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 http://www.ghanamps.com/mps/details.php?id=5535
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 https://www.parliament.gh/mps?mp=208
  3. https://www.graphic.com.gh/news/politics/resource-water-agencies-mp-for-sene-west-appeals-to-govt.html
  4. https://thechronicle.com.gh/ndc-mps-visit-jubilee-house-to-thank-akufo-addo-for-massive-projects-in-their-constituencies/
  5. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2012/brongahafo/55/index.php
  6. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/brongahafo/55/index.php
  7. https://www.bbc.com/pidgin/world-55331014
  8. https://citinewsroom.com/2020/12/ndcs-seats-in-parliament-rise-to-137/
  9. 9.0 9.1 https://www.myjoyonline.com/news/reverse-socio-cultural-barriers-to-girls-education-research-findings/